15 Betel+ afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam+ a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne+ no yɛeɛ no, ɔbubuu saa afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea no. Afei ɔhyee sorɔnsorɔmmea no, na ɔyam no muhumuhu, na ɔhyee bosom dum no.
29 Ne nna mu na Egypt hene Farao Neko+ baa Asiria hene nkyɛn wɔ asubɔnten Eufrate+ ho, na Ɔhene Yosia firii adi sɛ ɔne no de rekɔsi ani,+ nanso berɛ a ɔhunuu no ara na ɔkum+ no wɔ Megido.+
33 Ɛno akyi no, Yosia yiyii Israelfoɔ akyiwadeɛ+ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔnsom, na wɔsom Yehowa wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔammane amfiri Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn no akyi.+