Deuteronomium 32:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no ya,+Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu nnipa a wɔn ahoɔden asa,Nnipa hunu a wɔnni ɔboafoɔ biara. Dwom 106:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Ɔkaee apam a ɔne wɔn yɛeɛ no,+Na n’adɔeɛ dodoɔ nti, ɔgyae maa no kaeɛ.+ Hosea 11:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Mɛyɛ dɛn apo woɔ, Efraim?+ Mɛyɛ dɛn ayi wo ama, Israel?+ Mɛyɛ dɛn abu wo sɛ Adma?+ Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+ M’akoma adane wɔ me mu,+ na me yam hyehye me sɛ gya. Yona 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Afei nokorɛ Nyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ,+ sɛ wɔasan afiri wɔn akwammɔne so,+ enti nokorɛ Nyankopɔn sesaa n’adwene+ wɔ ɔhaw a ɔkaa sɛ ɔde bɛba wɔn soɔ no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+ Yakobo 5:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+
36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no ya,+Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu nnipa a wɔn ahoɔden asa,Nnipa hunu a wɔnni ɔboafoɔ biara.
8 “Mɛyɛ dɛn apo woɔ, Efraim?+ Mɛyɛ dɛn ayi wo ama, Israel?+ Mɛyɛ dɛn abu wo sɛ Adma?+ Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+ M’akoma adane wɔ me mu,+ na me yam hyehye me sɛ gya.
10 Afei nokorɛ Nyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ,+ sɛ wɔasan afiri wɔn akwammɔne so,+ enti nokorɛ Nyankopɔn sesaa n’adwene+ wɔ ɔhaw a ɔkaa sɛ ɔde bɛba wɔn soɔ no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+
16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+