Mmebusɛm 11:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Deɛ ɔhwehwɛ papa no, ɔbɛkɔ so ahwehwɛ adom;+ na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, ɛbɛba ne so.+ Yesaia 1:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Monhohoro mo ho,+ monte mo ho,+ monyi mo nneyɛɛ bɔne mfiri m’anim,+ na monnyae bɔneyɛ.+ Mika 6:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+ Romafoɔ 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔnam nnwuma pa so hwehwɛ animuonyam ne anidie ne deɛ ɛmporɔ+ wɔ boasetɔ mu no;
8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+
7 ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔnam nnwuma pa so hwehwɛ animuonyam ne anidie ne deɛ ɛmporɔ+ wɔ boasetɔ mu no;