Leviticus 18:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so bɛnya nkwa.+ Mene Yehowa.+ Deuteronomium 30:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+ Dwom 69:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Ahobrɛasefoɔ bɛhunu; wɔbɛdi ahurisie.+Mo a mohwehwɛ Onyankopɔn, momma mo akoma nnya nkwa.+ Romafoɔ 10:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Mose twerɛɛ sɛ onipa a ɔyɛ adetenenee wɔ Mmara no mu no nam so bɛnya nkwa.+
20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+