30 Wɔn a wɔkaeɛ no dwane kɔɔ Afek+ kuro no mu; ɛnna ɔfasuo no bu guu mmarima mpem aduonu nson a wɔkaeɛ no soɔ.+ Ben-Hadad deɛ, ɔdwaneeɛ,+ na ɔkɔhyɛɛ pia mu+ wɔ kuro no mu.
18 Na obiara a ɔbɛte ahudeɛ nka a ɔbɛdwane no bɛhwe amena mu, na obiara a ɔbɛfiri amena mu no, fidie bɛyi no.+ Ɔsoro mpomma bɛbue+ na asase nnyinasoɔ awoso.+
2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+