Amos
2 “Deɛ Yehowa aka nie,
‘“Moab bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ ɔhyee Edom hene nnompe de yɛɛ akaadoo.
2 Enti mede egya bɛto Moab, na ɛbɛhye Keriot aban a ɛyɛ den no.+
Moab bɛwu wɔ dede mu,
Ɔbɛwu wɔ ɛko nteateamu ne abɛn nnyegyeeɛ mu.+
4 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Yuda bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔpoo Yehowa mmara,*
Na wɔanni n’ahyɛdeɛ so.+
Mmom, atorɔ a wɔn agyanom dii akyire no,* ɛno ara na wɔadi akyire afom kwan.+
6 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Israel bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ,
Na wɔtɔn ohiani gye mpaboa.+
Ɔbarima ne ne papa ne ɔbaa baako da,*
Na wɔde gu me din kronkron no ho fĩ.
8 Ntoma a wɔma nkurɔfoɔ de bɛsi awowa no, ɛno na wɔda so wɔ afɔrebukyia biara ho,+
Na nsã a wɔabɔ ebinom ka ama wɔde aba no na wɔnom wɔ wɔn anyame fie.’*
9 ‘Nanso me na mesɛee Amorini no wɔ wɔn anim,+
Amorini a na ne tenten te sɛ sida dua, a ne ho yɛ den sɛ odum no;
Mesɛee n’aba a ɛwɔ so, ne ne nhini a ɛwɔ fam no.+
10 Meyii mo firii Egypt asaase so,+
Na memaa monantee serɛ so mfeɛ 40,+
Na memaa mokɔgyee Amorini no asaase fae.
Ɛnte saa anaa, O Israelfoɔ?’ Yehowa asɛm nie.
13 Enti mɛyam mo wɔ baabi a mowɔ,
Sɛdeɛ teaseɛnam a wɔde hwiit* a wɔatwa no foforɔ ahyɛ no ma yam biribiara a ɛfa so no.
14 Deɛ ne ho yɛ hare rennya baabi nnwane nkɔ,+
Na deɛ ne ho yɛ den ahoɔden bɛsa,
Na ɔsabarima biara rentumi nnwane mpere ne nkwa.*