Amos
3 “O Israelfoɔ, montie asɛm a Yehowa aka afa mo ho yi. Ɛyɛ asɛm a ɛfa abusua a meyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no nyinaa ho. Ɛne sɛ:
2 ‘Asaase so mmusua nyinaa, mo nko ara na menim mo.+
Ɛno nti na mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho no.+
3 Wohwɛ a, nnipa mmienu bɛtumi abom anante berɛ a wɔnyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛhyia?
4 Gyata bɛbobom wɔ kwaeɛ mu berɛ a ɔnnyaa aboa biara?
Na gyata* a ne ho yɛ den bɛpɔ wɔ baabi a ɔda berɛ a ɔnkyee aboa biara?
5 Anomaa bɛtɔ fidie mu wɔ fam berɛ a wɔnsum no fidie?*
Na fidie bɛhwan berɛ a ɛnyii biribiara?
6 Sɛ wɔbɔ abɛn wɔ kuro mu a, nnipa ho rempopo anaa?
Na sɛ amanehunu ba kuro mu a, ɛnyɛ Yehowa na wama aba?
7 Na Awurade Tumfoɔ Yehowa renyɛ biribi,
Gye sɛ waka ne tirim asɛm* akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.+
8 Gyata abobom!+ Hwan na ɔrensuro?
Awurade Tumfoɔ Yehowa akasa! Hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?’+
9 ‘Mommɔ no dawuro wɔ Asdod aban a ɛyɛ den so,
Na mommɔ no dawuro wɔ aban a ɛyɛ den wɔ Egypt asaase so no so.
Monka sɛ: “Mommoa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;+
Monhwɛ basabasa a ɛrekɔ so wɔ hɔ,
Ne asisie a ɛrekɔ so wɔ hɔ no.+
10 Ɛfiri sɛ wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ adepa,” Yehowa asɛm nie,
“Na nneɛma a wɔnam atirimuɔden ne ɔsɛeɛ so anya no, ɛno na wɔboaboa ano wɔ wɔn aban a ɛyɛ den mu.”’
11 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie,
‘Ɔtamfo bi bɛba abɛtwa asaase no ho ahyia,+
Na ɔbɛma w’ahoɔden asa,
Na ɔbɛfom w’aban a ɛyɛ den mu nneɛma.’+
12 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim aboa nan mmienu anaa n’aso fã bi firi gyata anom no,
Saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ akɔ,
Israelfoɔ a seesei wɔtete mpa fɛfɛɛfɛ ne mpa kamakama* so wɔ Samaria no.’+
13 ‘Montie na mommɔ Yakob fie kɔkɔ,’* Awurade Tumfoɔ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm nie.
14 ‘Na da a mɛtwe Israel aso wɔ ne bɔne* nyinaa ho no,+
Mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso;+
Na wɔbɛtwitwa mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no agu fam.+
15 Na mɛbubu awɔ berɛ mu fie no ne ahuhuro berɛ mu fie no nyinaa.’