Exodus 9:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Woda so ara de w’ahantan asi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ anaa?+ Exodus 16:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Mobɛbu m’ahyɛdeɛ ne me mmara so akɔsi da bɛn?+ Mmebusɛm 18:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Deɛ ɛdi asehweɛ anim ne sɛ onipa akoma bɛma ne ho soɔ,+ na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.+ Yesaia 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔdasani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomasoɔ aba fam.+ Saa da no, Yehowa nko ara na wɔbɛma ne soɔ.+ Yeremia 13:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,+ ‘Montena fam,+ ɛfiri sɛ mo abotire fɛfɛ no bɛfiri mo tiri atɔ fam.’+
12 Deɛ ɛdi asehweɛ anim ne sɛ onipa akoma bɛma ne ho soɔ,+ na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.+
11 Ɔdasani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomasoɔ aba fam.+ Saa da no, Yehowa nko ara na wɔbɛma ne soɔ.+
18 “Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,+ ‘Montena fam,+ ɛfiri sɛ mo abotire fɛfɛ no bɛfiri mo tiri atɔ fam.’+