10 Yehowa anom asɛm nie:+ “Mone m’adansefoɔ, m’akoa a mayi no,+ na ama moahunu+ agye me adi,+ na moahunu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+
7 Hwan na ɔte sɛ me?+ Ɔmpae mu nka; ɔnka mfa ho adanseɛ nsi m’anim.+ Sɛdeɛ mayɛ firi berɛ a mede tetefoɔ no baeɛ no,+ sɛ wɔbɛtumi a, wɔn nso wɔnka nneɛma a ɛreba ne deɛ ɛbɛba.