9 Aman nyinaa mmoaboa wɔn ho ano faako, na amanaman nka mmom.+ Wɔn mu hwan na ɔbɛtumi aka yei?+ Anaa wɔn mu hwan na ɔbɛtumi ama yɛate kane nneɛma no ho asɛm?+ Wɔmfa wɔn adansefoɔ+ mmra na wɔmmu wɔn bem, anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokorɛ!’”+
7 Hwan na ɔte sɛ me?+ Ɔmpae mu nka; ɔnka mfa ho adanseɛ nsi m’anim.+ Sɛdeɛ mayɛ firi berɛ a mede tetefoɔ no baeɛ no,+ sɛ wɔbɛtumi a, wɔn nso wɔnka nneɛma a ɛreba ne deɛ ɛbɛba.
21 Monkasa, momfa mo asɛm nto dwa.+ Momma wɔntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yeinom firi teteete?+ Hwan na ɔkaa ho asɛm firi saa berɛ no?+ Ɛnyɛ me Yehowa? Me na m’akyi no Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ,+ Onyankopɔn teefoɔ ne Agyenkwa;+ obiara nni hɔ sɛ me.+