8Akyire yi Onyankopɔn kaee+ Noa ne wuram mmoa ne nyɛmmoa a ɛka ne ho wɔ adaka no mu+ nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so na nsuo no firii aseɛ kɔɔ fam.+
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+
31 Afei mframa+ kɛseɛ bi bɔ firii Yehowa hɔ, na ɛpiaa nkokɔhwedeɛ firii po so+ baa nsraban no ho nyinaa, benkum ne nifa, bɛyɛ da koro kwan. Ná wɔsum hɔ firi fam kɔ soro bɛyɛ basafa mmienu.