Dwom 17:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ma m’anammɔn mfa w’akwan mu,+Ɛno na me nan renhinhim.+ Dwom 37:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Yehowa na ɔma ɔbarima anammɔn tim,+Na ne kwan sɔ N’ani.+ Mmebusɛm 16:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Dane wo nnwuma gu Yehowa so,+ na wo nhyehyɛeɛ bɛtim.+ Mmebusɛm 20:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɔbarima anammɔntutuo firi Yehowa.+ Ɔdasani deɛ, ɔbɛyɛ dɛn ahunu ne kwan mu?+ Yeremia 17:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Akoma yɛ nkontomponi sene adeɛ nyinaa na ne ho yɛ ahomete.+ Hwan na ɔbɛtumi ahunu mu?