Genesis 16:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ.”+ Na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhu me no na me nso mahu no yi?” Dwom 90:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Wode yɛn mfomsoɔ asi w’anim,+Na wode yɛn sum ase nneyɛɛ aba w’anim hann mu.+ Dwom 139:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ,+Na ɛhe na mɛtumi adwane afiri w’anim akorɔ?+ Mmebusɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa ani wɔ baabiara;+ ɛhwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ+ nyinaa. Amos 9:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Sɛ wɔtutu fam kɔhyɛ Adamena* mu mpo a, me nsa bɛyi wɔn afiri hɔ aba;+ na sɛ wɔkɔ soro a, mɛtwe wɔn aba fam.+ Hebrifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+
13 Afei ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ.”+ Na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhu me no na me nso mahu no yi?”
2 Sɛ wɔtutu fam kɔhyɛ Adamena* mu mpo a, me nsa bɛyi wɔn afiri hɔ aba;+ na sɛ wɔkɔ soro a, mɛtwe wɔn aba fam.+
13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+