Mmebusɛm 11:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɔwaefoɔ de n’ano sɛe ne yɔnko,+ na nimdeɛ na wɔde gye ɔteneneeni.+ Yesaia 9:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn mmeranteɛ mpo ho,+ na ɔrenhu wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ mpo mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ, na obiara ano ka agyimisɛm. Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+ Yesaia 24:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Asase no sotefoɔ ama ho agu fĩ.+ Wɔakwati mmara no,+ wɔasesa ahyɛdeɛ no,+ na wɔabu daa apam no so.+
17 Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn mmeranteɛ mpo ho,+ na ɔrenhu wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ mpo mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ, na obiara ano ka agyimisɛm. Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+
5 Asase no sotefoɔ ama ho agu fĩ.+ Wɔakwati mmara no,+ wɔasesa ahyɛdeɛ no,+ na wɔabu daa apam no so.+