7 Deɛ ɛmaa no baa saa ne sɛ, Israelfoɔ yɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, na wɔkɔsom anyame foforɔ;+
13 “Monkɔ nkɔbisa+ Yehowa mma me ne ɔman no ne Yuda nyinaa, nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, na Yehowa abufuo+ a aba yɛn soɔ no sõ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom+ antie nwoma yi mu nsɛm anyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ wom afa yɛn ho no+ nyinaa.”
13 “‘“Nanso Israel fie tee me so atua wɔ serɛ so.+ Wɔannante m’ahyɛdeɛ mu+ na wɔpoo m’atemmusɛm+ a sɛ onipa di so a, ɔnya nkwa no.+ Na wɔguu me homeda ho fĩ pɔtɔɔ,+ enti mekaa sɛ mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so wɔ serɛ so na masɛe wɔn.+