9 “‘“‘Na mo deɛ, mo adiyifoɔ+ ne mo akɔmfoɔ ne mo adaeɛsofoɔ+ ne mo nkonyaayifoɔ ne mo asumanfoɔ+ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene”+ no, monntie wɔn.
2 Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfoɔ hunu atorɔ anisoadeɛ+ na daeɛ a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekyere nnipa werɛ.+ Yei nti wɔde wɔn tiri bɛdom sɛ nnwan,+ na ɔhwɛfoɔ+ a wɔnnie nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.