9 Na ɛbaa sɛ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron+ mu no, wɔka maa Yerusalemfoɔ nyinaa ne ɔman no mufoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu no baa Yerusalem nyinaa bɛdii mmuada Yehowa anim.+
14 Monhyɛ berɛ mma mmuada+ kronkron. Monyɛ afahyɛ nhyiamu titire.+ Mommoaboa mpanimfoɔ no ne asase no sofoɔ nyinaa ano mmra Yehowa mo Nyankopɔn fie,+ na monsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.+