Dwom 28:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me kyɛm.+Ɔno na mede m’akoma to ne soɔ;+Waboa me, enti m’akoma di ahurisie,+Na mede me dwom bɛkamfo no.+ Yesaia 12:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “Sion babaa, di ahurisie na ma wo ho nsɛpɛ wo, ɛfiri sɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no sõ.”+ Yesaia 41:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Wobɛhu+ so na mframa asoa akɔ,+ na ahum abɔ apete.+ Wo deɛ, Yehowa mu na wobɛdi ahurisie.+ Israel Kronkronni no na wode no bɛhoahoa wo ho.”+ Yesaia 61:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+ Habakuk 3:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso me deɛ, mɛdi ahurisie wɔ Yehowa mu+ na m’ani agye me nkwagyeɛ Nyankopɔn+ mu. Sakaria 10:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,+ na wɔn akoma bɛdi ahurisie te sɛ deɛ wɔanom nsã.+ Wɔn mma nso bɛhunu na wɔadi ahurisie,+ na wɔn akoma ani bɛgye Yehowa mu.+
7 Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me kyɛm.+Ɔno na mede m’akoma to ne soɔ;+Waboa me, enti m’akoma di ahurisie,+Na mede me dwom bɛkamfo no.+
16 Wobɛhu+ so na mframa asoa akɔ,+ na ahum abɔ apete.+ Wo deɛ, Yehowa mu na wobɛdi ahurisie.+ Israel Kronkronni no na wode no bɛhoahoa wo ho.”+
10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+
7 Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,+ na wɔn akoma bɛdi ahurisie te sɛ deɛ wɔanom nsã.+ Wɔn mma nso bɛhunu na wɔadi ahurisie,+ na wɔn akoma ani bɛgye Yehowa mu.+