Hiob 38:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Hwan na ɔsiesie aduane ma kwaakwaadabi,+Berɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn,Na aduane a wɔnnya nnie nti wɔnenam basabasa no? Dwom 104:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Agyata bobom pɛ hanam+Na wɔkɔpɛ wɔn aduane, Onyankopɔn nsam.+ Dwom 145:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wo na ani nyinaa hwɛ wo kwan,+Na woma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu.+ Dwom 147:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɔno na ɔma mmoa nya wɔn ano aduane,+Na ɔma kwaakwaadabi mma a wɔsu frɛ no daa no aduane.+
41 Hwan na ɔsiesie aduane ma kwaakwaadabi,+Berɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn,Na aduane a wɔnnya nnie nti wɔnenam basabasa no?