Hiob
38 Ɛnna Yehowa firi ahum+ mu buaa Hiob sɛ:
2 “Hwan ne oyi a ɔdane afotuo ani,
Na ɔka nsɛm a nimdeɛ nnim yi?+
5 Hwan na ɔsusu too hɔ, wonim anaa?
Na hwan na ɔde susuhoma too soɔ?
6 Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ sisiiɛ?+
Na hwan na ɔde ne tweatiboɔ toeɛ,
7 Berɛ a adekyeeɛ nsoromma+ boom too ahurisi dwom,
Na Onyankopɔn mma+ nyinaa bɔɔ ose no?
8 Hwan na ɔkaa po hyehyɛɛ apono mu,+
Na ɛfirii adi te sɛ deɛ ɛfiri yafunu mu;
9 Berɛ a mede mununkum yɛɛ ne nkataho
Na mede esum kabii yɛɛ n’abomu,
10 Berɛ a mehyɛɛ mmara maa no,
Na meyeyɛɛ mmeamu ne apono maa no,+
11 Na mekaa sɛ, ‘Ɛha yi ara na bɛso, na ntra;+
Na ɛha ara na w’asorɔkye a ɛmema ne ho soɔ no mmɛso’ no?+
12 Ɛfiri wo nna mfitiaseɛ no, woahyɛ berɛ ama anɔpa pɛn?+
Wo na wokyerɛ adekyeeɛ ne diberɛ,
13 Sɛ ɛnsosɔ asase ano,
Na wɔmporoporo abɔnefoɔ mfiri soɔ?+
19 Ɛhe na kwan a ɛkɔ hann ho no da?+
Esum nso, ɛhe na ɛwɔ,
20 Na woafa no kɔ n’ahyeɛ so
Na woate ne fie kwan ase?
22 Woahyɛn sukyerɛmma korabea pɛn?+
Anaa woahunu asukɔtweaa korabea,+
23 Adeɛ a makora soɔ ama ahohia berɛ,
Ɛko ne ɔsa da no?+
25 Hwan na ɔyiyi nsuka ma nsuo
Ne kwan ma nsuframa ne aprannaa,+
26 Na ɔma nsuo tɔ gu asase a onipa biara nte soɔ no so,+
Ne serɛ a ɔdasani biara nte soɔ no so,
32 Wobɛtumi ama Masarot nsorommakuo apue ne berɛ mu?
Na Ayis nsorommakuo ne ne mma nso, wobɛtumi akyerɛ wɔn kwan?
35 Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ,
Na aka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn nie!’ anaa?
37 Hwan na ɔbɛtumi de nyansa akan mununkum pɛpɛɛpɛ,
Na ɔbɛtumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsuo,+
38 Berɛ a mfuturo dane atɛkyɛ na ɛhwie sɛ nsuo kɔboa ano,
Na dɔtetoa keka bom no?