3 Na ma ɔhene nyi ananmusifoɔ wɔ amantam a ɛhyɛ n’ase no nyinaa mu,+ na wɔmmoaboa mmabaawa ahoɔfɛfoɔ a wɔyɛ mmaabunu ano, na wɔmfa wɔn mmra mmaa fie a ɛwɔ Susan abankɛseɛ mu no mu. Afei wɔmfa wɔn nhyɛ ɔhene somfoɔ Hegai+ a ɔhwɛ mmaa so no nsa, na wɔmfa nnuro nsrasra wɔn ho mma wɔn ho nyɛ fɛ.