Mmebusɛm 11:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɔyamyɛfoɔ yɛ ne kra yie,+ na otirimuɔdenfoɔ deɛ mmusuo na ɛba ne honam soɔ.+ Mmebusɛm 14:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Wɔn a wɔdwene adwemmɔne no renyɛ akobɔfoɔ anaa?+ Na adɔeɛ ne nokorɛ wɔ hɔ ma wɔn a wɔdwene adwempa.+ Mmebusɛm 16:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Sɛ onipa akwan sɔ Yehowa ani a,+ ɔma n’atamfo mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.+ Mmebusɛm 19:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Adeɛ a ɛyɛ fɛ wɔ ɔdasani ho ne n’adɔeɛ;+ na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ.+ Daniel 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na nokorɛ Nyankopɔn maa Daniel nyaa ahemfie panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.+
22 Wɔn a wɔdwene adwemmɔne no renyɛ akobɔfoɔ anaa?+ Na adɔeɛ ne nokorɛ wɔ hɔ ma wɔn a wɔdwene adwempa.+