19 Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ anka ɔnhyɛ mmara a obiara nnane no,+ na wɔntwerɛ nka Persia ne Media mmara+ ho sɛ Wasti nnsi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ne dibea nso wɔmfa mma ɔbaa foforɔ a ɔsene no.
17 Ná ɔhene no dɔ Ester sene mmaa a aka no nyinaa, enti ɔnyaa animuonyam ne adɔeɛ wɔ n’anim senee mmabaa a aka no nyinaa.+ Ɛnna ɔde abotire bɔɔ no yɛɛ no ɔhemmaa+ sii Wasti ananmu.