Genesis 35:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Lea mma ne Ruben,+ a ɔyɛ Yakob ba panin no, ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, ne Sebulon. Genesis 37:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yɛku yɛn nua yi kata ne mogya so a,+ mfasoɔ bɛn koraa na yɛbɛnya? Genesis 38:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Berɛ a Yuda ani bɔɔ ne soɔ no, ɔsusuu sɛ ɔyɛ odwamanfoɔ,+ ɛfiri sɛ na wakata n’anim.+ Genesis 44:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Afei Yuda twe bɛn no kaa sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa na tie,+ na mma wo bo mmfu+ w’akoa, ɛfiri sɛ wote sɛ Farao.+ Genesis 49:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Wo Yuda deɛ,+ wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa bɛsɔ w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkoto w’anim.+ 1 Berɛsosɛm 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yuda mma ne Er,+ Onan+ ne Sela.+ Nnipa mmiɛnsa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Ná Yuda abakan Er yɛ ɔbɔnefoɔ Yehowa ani so, enti ɔkum no.+ Adiyisɛm 5:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ nhini no,+ adi nkonim+ a enti ɔbɛtumi abue nwoma no mu ayi ne nsɔano nson no.” Adiyisɛm 7:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Yuda+ abusuakuo mu mpem dumienu na wɔsɔɔ wɔn ano;Ruben+ abusuakuo mu mpem dumienu;Gad+ abusuakuo mu mpem dumienu;
26 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yɛku yɛn nua yi kata ne mogya so a,+ mfasoɔ bɛn koraa na yɛbɛnya?
18 Afei Yuda twe bɛn no kaa sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa na tie,+ na mma wo bo mmfu+ w’akoa, ɛfiri sɛ wote sɛ Farao.+
8 “Wo Yuda deɛ,+ wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa bɛsɔ w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkoto w’anim.+
3 Yuda mma ne Er,+ Onan+ ne Sela.+ Nnipa mmiɛnsa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Ná Yuda abakan Er yɛ ɔbɔnefoɔ Yehowa ani so, enti ɔkum no.+
5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ nhini no,+ adi nkonim+ a enti ɔbɛtumi abue nwoma no mu ayi ne nsɔano nson no.”
5 Yuda+ abusuakuo mu mpem dumienu na wɔsɔɔ wɔn ano;Ruben+ abusuakuo mu mpem dumienu;Gad+ abusuakuo mu mpem dumienu;