1 Berɛsosɛm
2 Israel+ mma nie: Ruben,+ Simeon,+ Lewi,+ Yuda,+ Isakar,+ ne Sebulon,+ 2 Dan,+ Yosef,+ Benyamin,+ Naftali,+ Gad+ ne Aser.+
3 Yuda mma ne Er,+ Onan+ ne Sela.+ Nnipa mmiɛnsa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Ná Yuda abakan Er yɛ ɔbɔnefoɔ Yehowa ani so, enti ɔkum no.+ 4 N’asebaa Tamar+ na ɔwoo Peres+ ne Sera maa no. Yuda mma no nyinaa yɛ nnum.
5 Peres mma ne Hesron ne Hamul.+
6 Sera+ mma ne Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara.+ Wɔyɛ nnum.
7 Karmi+ mma no bi ne Akar;* ɔno na wanni nokorɛ wɔ abusudeɛ a wɔkaa sɛ wɔnsɛe+ no no ho, ma enti ɔkɔfaa mmusuo baa Israel soɔ.+
9 Hesron+ mma ne Yerameel,+ Ram+ ne Kelubai.
10 Ram woo Aminadab,+ na Aminadab nso woo Naason,+ Yuda mma mu bapɔmma no. 11 Naason woo Salma,+ na Salma nso woo Boas.+ 12 Boas woo Obed,+ na Obed nso woo Yese.+ 13 Yese abakan ne Eliab,+ Abinadab+ tɔ so mmienu, Simea+ tɔ so mmiɛnsa, 14 Netanel tɔ so nnan, Radai tɔ so nnum, 15 Osem tɔ so nsia, na Dawid+ tɔ so nson. 16 Wɔn nuabaa ne Seruia ne Abigail;+ Seruia mma nie: Abisai,+ Yoab+ ne Asahel,+ wɔyɛ mmiɛnsa. 17 Abigail nso woo Amasa;+ na Amasa papa ne Ismaelni Yeter.+
18 Hesron+ ba Kaleb ne ne yere Asuba ne Yeriot woeɛ; ne mma no nie: Yeser, Sobab ne Ardon. 19 Akyire yi Asuba wuiɛ. Enti Kaleb faa Efrata+ wareeɛ, na ɔwoo Hur+ maa no. 20 Hur woo Uri,+ na Uri nso woo Besalel.+
21 Hesron kɔɔ Gilead+ papa Makir+ babaa ho. Ɔwaree no no na wadi mfeɛ aduosia, na ɔwoo Segub maa no. 22 Segub nso woo Yair,+ na Yair nyaa nkuro aduonu mmiɛnsa+ wɔ Gilead asase so. 23 Akyire yi Gesur+ ne Siria+ gyee Hawot-Yair+ ne Kenat+ ne ɛho nkuro aduosia firii wɔn nsam. Yeinom ne Gilead agya Makir asefoɔ.
24 Berɛ a Hesron+ wuu wɔ Kaleb-Efrata akyi no, Hesron yere Abia woo Asur, Tekoa+ agya, maa no.
25 Hesron abakan Yerameel+ mma nie: n’abakan Ram+ ne Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26 Yerameel san waree ɔbaa foforɔ, ná ne din de Atara. Ɔno na ɔwoo Onam. 27 Yerameel abakan Ram+ mma ne Maas, Yamin ne Eker. 28 Onam+ mma ne Samai ne Yada. Na Samai mma ne Nadab ne Abisur. 29 Abisur yere din de Abihail, ɔno na ɔwoo Ahban ne Molid maa no. 30 Nadab+ mma ne Seled ne Apaim. Seled deɛ, ɔwuiɛ a wanwo mma. 31 Apaim mma no bi ne Yisi. Yisi mma no bi ne Sesan.+ Na Sesan mma no bi ne Ahlai. 32 Samai nua Yada mma ne Yeter ne Yonatan. Yeter deɛ, ɔwuiɛ a wanwo mma. 33 Yonatan mma ne Pelet ne Sasa. Yeinom ne Yerameel asefoɔ.
34 Sesan+ annya mma mmarima; mma mmaa nko ara na ɔwoeɛ. Ná Sesan wɔ akoa bi a ɔyɛ Egyptni,+ na na wɔfrɛ no Yarha. 35 Enti Sesan de ne babaa maa n’akoa Yarha wareeɛ, na ɔwoo Atai maa no. 36 Atai woo Natan, na Natan nso woo Sabad.+ 37 Sabad woo Eflal, na Eflal nso woo Obed. 38 Obed woo Yehu, na Yehu nso woo Asaria. 39 Asaria woo Heles, na Heles nso woo Eleasa. 40 Eleasa woo Sismai, na Sismai nso woo Salum. 41 Salum woo Yekamia, na Yekamia nso woo Elisama.
42 Yerameel nua Kaleb+ mma nie: n’abakan Mesa a ɔwoo Sif, ne Hebron papa Maresa mma. 43 Hebron mma ne Kora, Tapua, Rekem ne Sema. 44 Sema woo Yorkeam agya Raham, na Rekem nso woo Samai. 45 Samai woo Maon, na Maon nso woo Bet-Sur.+ 46 Kaleb yefam Efa woo Haran, Mosa ne Gase. Haran nso woo Gase. 47 Yadai mma ne Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf. 48 Kaleb yefam Maaka nso woo Seber ne Tirhana. 49 Akyire yi ɔwoo Madmana+ agya Saaf, Makbena agya Sewa ne Gibea+ agya. Ná Kaleb+ babaa din de Aksa.+ 50 Yeinom ne Kaleb asefoɔ.
Efrata+ abakan Hur+ mma nie: Kiriat-Yearim+ agya Sobal,+ 51 Betlehem+ agya Salma ne Bet-Gader agya Haref. 52 Kiriat-Yearim agya Sobal+ mma nie: Haroe ne Menuhotfoɔ fã. 53 Kiriat-Yearim mmusua ne Yitrifoɔ,+ Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraifoɔ. Wɔn asefoɔ ne Soratifoɔ+ ne Estaolfoɔ.+ 54 Salma mma ne Betlehemfoɔ,+ Netofafoɔ,+ Atrot-Bet-Yoabfoɔ ne Manahatfoɔ fã ne Sorifoɔ. 55 Atwerɛfoɔ mmusua a na wɔtete Yabes+ no ne Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukafoɔ. Yeinom ne Kenifoɔ+ a wɔyɛ Rekab+ fie abusuapanin Hammat no asefoɔ.