39 Wɔasra me+ asi me hene deɛ, nanso ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na saa mmarima yi, Seruia mma+ yi yɛ den ma me dodo.+ Deɛ ɔyɛ bɔne no, Yehowa ntua no ka sɛdeɛ ɔno ara ne bɔne teɛ.”+
10 Amasa deɛ, wanhwɛ nkrantɛ a ɛwɔ Yoab nsam no, enti ɔde wɔɔ+ ne yam, na ne nsono tu guu fam, na wamfoa ne so, na ɔwuiɛ. Afei Yoab ne ne nua Abisai kɔtĩĩ Bikri ba Saba.
6 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛdi kan akɔto ahyɛ+ Yebusifoɔ soɔ no, ɔbɛyɛ otitire ne ɔsahene.” Seruia ba Yoab+ na ɔdii kan kɔeɛ, enti ɔbɛyɛɛ otitire.