Genesis 17:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na mɛma w’ase atrɛ kɛse na woayɛ aman pii, na ahemfo bɛfiri wo mu aba.+ Genesis 28:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bɛhyira wo ama w’ase atrɛ ayɛ bebree, na woabɛyɛ aman asafodɔm.+ Hesekiel 36:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ampa ara, mɛma moanya nnipa ne mmoa+ pii na wɔadɔ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo mu sɛ kane no,+ na me ne mo bɛdi no yie asene kane no.+ Na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+
11 Ampa ara, mɛma moanya nnipa ne mmoa+ pii na wɔadɔ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo mu sɛ kane no,+ na me ne mo bɛdi no yie asene kane no.+ Na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+