Solomon Dwom
3 “Anadwo a meda me mpa soɔ no, mehwehwɛɛ deɛ me kra dɔ no no.+ Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. 2 Ma mensɔre nkɔkyini kurom;+ ma menkɔfa mmɔnten ne dwa mu+ nhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. 3 Awɛmfoɔ+ a wɔnam kurom no bɛtoo me, ɛnna mebisaa wɔn sɛ, ‘Me wuranom, moahunu deɛ me kra dɔ no no anaa?’ 4 Mesianee wɔn ho ara pɛ na mehunuu deɛ me kra dɔ no no. Mesɔɔ ne mu, na mannyaa ne mu kɔsii sɛ mede no baa me maame fie, deɛ ɔnyinsɛnee me no mpia mu. 5 Yerusalem mma mmaa, mede ɔwansammereɛ ne wuram ɔforotebereɛ+ ka ntam gu mo so+ sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.”+
6 “Ɛdeɛn na ɛfiri serɛ so reba sɛ wisie kumɔnn a kurobo ne ɛhyɛ+ ne odwadini nnuhwam+ biara bi agye ho yi?”
7 “Hwɛ, ɛyɛ ne mpa, Solomon mpa. Mmarima akatakyie aduosia, Israel akatakyie,+ atwa ho ahyia. 8 Wɔn nyinaa wɔ nkrantɛ, na wɔakyerɛ wɔn akodie. Obiara nkrantɛ bɔ n’asene, anadwo mu asɛm nti.”+
9 “Ɛyɛ Ɔhene Solomon apakan a ɔde Lebanon nnua ayɛ.+ 10 Ɔde dwetɛ ayɛ ne nan, na ɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ne ntweremu. N’adwa yɛ tankɔkɔɔ, na Yerusalem mma mmaa adura mu fɛfɛɛfɛ.”
11 “Sion mma mmaa, momfiri adi nkɔhwɛ, monkɔhwɛ sɛ Ɔhene Solomon abɔ n’abotire,+ deɛ ne maame+ nwene maa no da a ɔwareeɛ ne da a n’akoma dii ahurisie no.”+