Solomon Dwom
4 “Hwɛ, m’akomam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!+ Mese, wo ho yɛ fɛ! W’ani mma yɛ aborɔnoma ani mma+ wɔ wo nkatanimu mu.+ Wo nwi te sɛ mmirekyie+ a wɔresiane Gilead+ bepɔ. 2 Wo sẽ te sɛ nnwan+ a wɔatwitwa wɔn ho nwi a wɔfiri adwareeɛ aba, nnwan a wɔn nyinaa awowo nta a obiara ba nwuiɛ. 3 W’ano te sɛ homa kɔkɔɔ, na w’anom kasa yɛ dɛ.+ W’asontorɔm te sɛ granate akutuo* a wɔapae mu mmienu, wo nkatanimu mu.+ 4 Wo kɔn+ te sɛ Dawid abantenten+ a wɔde aboɔ ahyehyɛ a akyɛm apem sensɛn ho, nnɔmmarima akyɛm+ nyinaa. 5 Wo nufo+ mmienu te sɛ awansammereɛ nkumaa mmienu, ntaafoɔ a wɔredidi sukooko mu.”+
6 “Mɛkɔ kurobo bepɔ ne ɛhyɛ kokoɔ+ so akɔsi sɛ mframa bɛbɔ brɛoo+ na sunsum ayera.”
7 “M’akomam hemmaa, w’ahoɔfɛ yɛ krabɛhwɛ,+ ɛdɛm biara nni wo ho.+ 8 M’ayeforɔ,+ bra ma yɛmfiri Lebanon, bra ma yɛmfiri Lebanon+ nkɔ. Yɛmfiri Amana ne Senir+ ne Hermon+ so nsiane; ma yɛmfiri agyata buo mu ne asebɔ mmepɔ so. 9 Me nuabaa,+ m’ayeforɔ,+ mehu wo a na me yam ahye me, w’ani+ baako ne wo kɔnmuadeɛ mu kaa baako mpo ma m’akoma bɔ paripari. 10 Wo dɔ yɛ fɛ,+ me nuabaa, m’ayeforɔ! Wo dɔ yɛ dɛ sene bobesa na wo ngo yɛ hwam sene aduhwam biara!+ 11 M’ayeforɔ, w’ano sosɔ sɛ ɛwoɔkyɛm.+ Ɛwoɔ+ ne nufosuo wɔ wo kɛtrɛma ase, na wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon hwa.+ 12 Me nuabaa te sɛ turo a wɔagye ho,+ m’ayeforɔ te sɛ turo a wɔato ho ban, asutire a wɔasɔ ano. 13 Wo honam te sɛ paradise turo a granate akutuo ne nnuaba pa wom,+ lele nnua ne nerdo+ nnua; 14 ɛte sɛ nerdo+ ne safron,+ sibire hwamhwam+ ne anoatre+ ne ɛhyɛ nnua ahodoɔ nyinaa, kurobo ne pɛprɛ+ ne nnuhwam atitire nyinaa;+ 15 ɛte sɛ turom asutire, asubura a ɛsɔ nsupa+ ne asutene a ɛfiri Lebanon.+ 16 Atifi mframa, sɔre; anafoɔ mframa, bra.+ Bɛbɔ gu me turo so.+ Ma ne nnuhwam nsene.”
“Ma me dɔfo mmra ne turom na ɔmmɛdi emu nnuaba pa.”