Hesekiel
42 Afei ɔde me firii adi+ faa atifi fam+ baa akyire hɔ adihɔ hɔ. Na ɔde me baa adidibea+ a ɛwɔ baabi a ate ne ho+ no anim, ɛdan a ɛwɔ atifi fam no anim no. 2 Ɛfã a ne ntwemu yɛ basafa ɔha no anim na atifi kwan no da, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonum. 3 Mfimfini hɔ adihɔ+ no fã a ɛyɛ basafa aduonu no anim ne akyire adihɔ no aboɔ nsɛeɛ+ no anim na adan a ɛtoa so mmiɛnsa no abrannaa+ a ɛne wɔn ho di nhwɛanimu no wɔ. 4 Na ɛkwan bi da adidibea no anim a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du wɔ fie no mu,+ ne ɛkwan foforɔ basafa baako. Na apono no ano kyerɛ atifi fam. 5 Adidibea a ɛwɔ soro no mu susua, ɛfiri sɛ abrannaa a ɛda ɛdan no anim no sõ sene aseɛ ne mfimfini deɛ no. 6 Adan no toa so mmiɛnsa,+ na ɛnni adum te sɛ adihɔ adum no. Ne saa nti, na wɔatwe adan a ɛwɔ soro no kɔ akyire sene aseɛ ne mfimfini deɛ no.
7 Ná wɔde aboɔ ato fasuo wɔ akyire hɔ a ɛbɛn adidibea a ɛkyerɛ akyire hɔ adihɔ no, na na ɛwɔ adidibea foforɔ no anim. Na ne ntwemu yɛ basafa aduonum. 8 Adidibea a ɛkyerɛ akyire hɔ adihɔ no ntwemu yɛ basafa aduonum, na deɛ ɛkyerɛ asɔrefie no yɛ basafa ɔha. 9 Sɛ obi firi akyire hɔ adihɔ hɔ reba adidibea hɔ a, ɔbɛfa kwan a ɛwɔ aseɛ hɔ no so, wɔ apueeɛ fam.
10 Ná adidibea+ wowɔ adihɔ no ho fasuo a ɛkyerɛ apueeɛ fam no, ne tɛtrɛtɛ mu, baabi a ate ne ho+ ne ɛdan no anim. 11 Ná kwan bi da animu te sɛ deɛ ɛwɔ adidibea a ɛkyerɛ atifi fam+ ho no, na ne nyinaa ntwemu ne ne tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; baabi a wɔfa firi adie ne ne nsususoɔ ne n’akwan nyinaa sesɛ. 12 Sɛdeɛ adidibea no kwan a ɛkyerɛ anafoɔ fam teɛ no, saa ara na kwan a ɛda ɔfasuo a ɛkyerɛ apueeɛ fam ho no teɛ, ɛkwan a wɔfa so ba mu no.+
13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a ɛwɔ atifi ne adidibea a ɛwɔ anafoɔ a ɛkyerɛ baabi a ate ne ho+ no yɛ adidibea kronkron. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔba Yehowa anim+ no di akronkronneɛ mu adekronkron no.+ Na ɛhɔ na wɔde akronkronneɛ mu adekronkron ne nneɛma a wɔde bɛbɔ aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ no guo, ɛfiri sɛ ɛhɔ yɛ kronkron.+ 14 Na sɛ asɔfoɔ no ba mu a, wɔremfiri kronkronbea hɔ nkɔ akyire hɔ adihɔ hɔ, mmom wɔde wɔn ntadeɛ a wɔde som+ no bɛgu hɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Na sɛ wɔne nnipa no wɔ nkutahodie bi a, wɔbɛhyɛ ntadeɛ foforɔ+ akɔ wɔn nkyɛn.”
15 Afei berɛ a ɔsusuu fie a ɛwɔ mfimfini no wieeɛ no, ɔde me faa ɛpono a animu kyerɛ apueeɛ+ fam no mu firii adi, na ɔsusuu ɛhɔ nyinaa.
16 Ɔde demmire susuu apueeɛ fam. Ɔsusuu hɔ nyinaa hyiaeɛ, na na ɛyɛ demmire+ ahanum.
17 Berɛ a ɔde demmire susuu atifi fam no, ɔnyaa ahanum wɔ ho nyinaa.
18 Ɔsusuu anafoɔ fam no, ɔnyaa demmire ahanum.
19 Afei ɔkɔɔ atɔeɛ fam de demmire kɔsusuiɛ, na ɔnyaa ahanum.
20 Ɔsusuu afã nnan no nyinaa, na na ɔfasuo atwa ho nyinaa ahyia;+ ne ntwemu, demmire ahanum, na ne tɛtrɛtɛ nso, demmire ahanum.+ Ɛkyɛɛ deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron no mu.+