Marko
2 Na nna bi akyi no, ɔsan kɔɔ Kapernaum na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.+ 2 Enti nnipa bebree bɛhyiaeɛ ara maa wɔkyeree so wɔ kwan no ano, na ɔfirii aseɛ kaa asɛm+ no kyerɛɛ wɔn. 3 Na ɛbaa sɛ na wɔde obubuafoɔ bi a nnipa nnan sõ no rebrɛ no.+ 4 Nanso nnipadɔm no nti wɔantumi amfa no amma Yesu nkyɛn pɛɛ, enti wɔpaa dan no so faako a ɔwɔ no, na wɔtuu tokuro gyaagyaa kɛtɛ a obubuafoɔ no da soɔ no baa fam.+ 5 Berɛ a Yesu hunuu wɔn gyidie no,+ ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Ɔba, wɔde wo bɔne afiri wo.”+ 6 Saa berɛ no nso na atwerɛfoɔ binom tete hɔ a wɔresusu wɔn akoma mu sɛ:+ 7 “Adɛn nti na onipa yi rekasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔtumi de bɔne firi sɛ ɔbaako a ɔne Onyankopɔn?”+ 8 Na berɛ a Yesu nam ne honhom so hunuu ntɛm ara sɛ wɔresusu saa wɔn mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresusu yeinom mo akoma mu?+ 9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne afiri wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre fa wo kɛtɛ na nante’?+ 10 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba+ no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne firi wɔ asase soɔ nti,”+—ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: 11 “Mese wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 12 Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔfaa ne kɛtɛ ntɛm ara firii adi faa wɔn nyinaa anim,+ na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: “Yɛnhunuu ɛso bi da.”+
13 Bio nso, ɔfirii adi kɔɔ po no ano; na nnipadɔm no nyinaa kɔɔ so baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 14 Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi+ sɛ ɔte togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.” Na ɔsɔre dii n’akyi.+ 15 Akyire yi ɛbaa sɛ na ɔte adidiiɛ wɔ ne fie, na na togyefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree nso tete Yesu ne n’asuafoɔ no nkyɛn wɔ adidie no ase; na wɔdɔɔso, na wɔdii n’akyi.+ 16 Na berɛ a atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne togyefoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ na ɛdidie?”+ 17 Berɛ a Yesu tee yei no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafoɔ, na wɔn a wɔyareɛ mmom na wɔhia. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔneyɛfoɔ.”+
18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ no deɛ, wɔdi mmuada. Enti wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no di mmuada, na w’asuafoɔ no nni mmuada?”+ 19 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ayeforɔkunu no wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔadi mmuada?+ Berɛ tenten a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ wɔrentumi nni mmuada.+ 20 Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada saa berɛ no.+ 21 Obiara mfa ntoma mono ntɛ atadeɛ dada mu; sɛ ɔyɛ saa a, n’ahoɔden no bɛma ate afa mu; foforɔ no bɛfiri dada no mu, na ne nteteeɛ no bɛyɛ kɛse koraa.+ 22 Afei nso obiara mfa bobesa mono ngu nsã kotokuo dada mu; sɛ ɔyɛ saa a nsã no pae kotokuo no, na nsã no ne kotokuo no nyinaa sɛe.+ Mmom no wɔde bobesa mono gu nsã kotokuo foforɔ mu.”+
23 Afei ɛbaa sɛ na ɔnam ayufuo mu homeda, na n’asuafoɔ no firii aseɛ sɛ wɔrepempan+ ayuo mmɛtem+ no bi. 24 Ɛnna Farisifoɔ no kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adɛn nti na wɔreyɛ deɛ mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?”+ 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkenkanee deɛ Dawid+ yɛeɛ berɛ a n’aduane saeɛ na ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no da?+ 26 Berɛ a ɔkɔɔ Onyankopɔn fie, sɛdeɛ ɛwɔ ɔsɔfo panin Abiatar+ ho twerɛtohɔ no mu, na ɔkɔdii paanoo a wɔde aba Onyankopɔn anim+ a mmara mma kwan+ sɛ obiara die, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔde bi nso maa wɔn a wɔka ne ho no?”+ 27 Ɛnna ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa nti na homeda baeɛ,+ na ɛnyɛ homeda nti na onipa baeɛ;+ 28 enti onipa Ba no yɛ homeda Wura.”+