Marko Twerɛtohɔ
2 Nna bi akyi no, Yesu san kɔɔ Kapernaum, na nkurɔfoɔ tee sɛ ɔwɔ fie.+ 2 Na nnipa baa fie hɔ ara ma wɔkyeree so wɔ ɛkwan no ano mpo, na ɔfirii aseɛ kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.+ 3 Na wɔde obubuafoɔ bi a mmarima nnan so no brɛɛ no.+ 4 Nanso nnipadɔm no nti, wɔantumi amfa no amma Yesu nkyɛn pɛɛ. Ɛno nti, wɔpaa dan no so wɔ faako a Yesu wɔ no, na wɔtuu tokuro. Afei wɔgyaagyaa kɛtɛ a obubuafoɔ no da so no mu baa fam. 5 Berɛ a Yesu huu wɔn gyidie no,+ ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 6 Saa berɛ no, na atwerɛfoɔ bi tete hɔ, na na wɔresusu wɔ wɔn akoma mu+ sɛ: 7 “Adɛn nti na onipa yi kasa saa? Waka abususɛm. Onyankopɔn akyi no, hwan bio na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ?”+ 8 Ntɛm ara na Yesu nam ne honhom so huu sɛ saa na wɔresusu wɔ wɔn mu, enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresusu weinom ho wɔ mo akoma mu?+ 9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante’? 10 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no+ wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asaase so nti—”+ ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: 11 “Mese wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.” 12 Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɛhɔ ara na ɔfaa ne kɛtɛ faa wɔn nyinaa anim pue kɔeɛ. Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: “Yɛnhuu biribi a ɛte sei da.”+
13 Bio nso, ɔpue kɔɔ po no ano, na nnipadɔm no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 14 Na ɔretwam no, ɔhuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte baabi a wɔgyegye toɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.” Ɛhɔ ara na ɔsɔreeɛ, na ɔdii n’akyi.+ 15 Akyire yi, na Yesu redidi* wɔ Lewi fie. Saa berɛ no, na wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ka Yesu ne n’asuafoɔ no ho ne wɔn redidi,* ɛfiri sɛ na wɔn mu bebree di n’akyi.+ 16 Na berɛ a atwerɛfoɔ a wɔyɛ Farisifoɔ no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a wɔgyegye toɔ redidi no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Ɔne wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ na ɛdidi?” 17 Berɛ a Yesu tee wei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafoɔ; wɔn a wɔyare mmom na wɔhia. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom nnebɔneyɛfoɔ.”+
18 Ná Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ no yɛ akɔnkyene.* Enti wɔbɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no yɛ akɔnkyene, na w’asuafoɔ no nyɛ akɔnkyene?”+ 19 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ayeforɔkunu+ wɔ ne nnamfonom nkyɛn a, ɛnhia sɛ wɔyɛ akɔnkyene, anaa ɛnte saa? Berɛ tenten a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nyɛ akɔnkyene. 20 Nanso berɛ bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn.+ Saa berɛ no na wɔbɛyɛ akɔnkyene. 21 Obiara nni hɔ a ɔde ntoma foforɔ tare ataadeɛ dada mu. Sɛ ɔyɛ saa a, foforɔ no bɛte afiri dada no mu, na ataadeɛ no bɛte kɛse akyɛn kane no.+ 22 Afei nso, obiara nni hɔ a ɔde bobesa foforɔ gu nsã kotokuo dada mu. Sɛ ɔyɛ saa a, bobesa no bɛpae kotokuo no ama bobesa no ahwie agu, na kotokuo no nso bɛsɛe. Mmom no, yɛde bobesa foforɔ gu nsã* kotokuo foforɔ mu.”
23 Afei berɛ a ɔnam hwiit afuo* mu Homeda no, n’asuafoɔ no firii aseɛ tetee* hwiit mmɛtem no bi.+ 24 Ɛnna Farisifoɔ no bisaa no sɛ: “Hwɛ! Adɛn nti na wɔreyɛ biribi a mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda yi?” 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Dawid yɛeɛ berɛ a n’aduane saeɛ na ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 26 Ɔsɔfo panin Abiatar+ ho twerɛtohɔ no ka sɛ, Dawid kɔɔ Onyankopɔn fie, na ɔkɔdii paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no na ɔde bi nso maa wɔn a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfoɔ no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 27 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa nti na Homeda baeɛ,+ na ɛnyɛ Homeda nti na onipa baeɛ. 28 Enti onipa Ba no, ɔno ne Homeda Wura.”+