Marko Twerɛtohɔ
3 Yesu san kɔɔ hyiadan mu, na na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu.*+ 2 Enti wɔhwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa onipa no yareɛ Homeda no anaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ no soboɔ. 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre bra mfimfini ha.” 4 Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wɔbɛgye obi nkwa* anaa wɔbɛku obi?”+ Nanso wɔyɛɛ dinn. 5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ, na wɔn akomaden+ no maa ne werɛ hoo paa. Na ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Na ɔtenee, na ne nsa no san yɛɛ yie. 6 Ɛno nti Farisifoɔ no pue kɔe, na ntɛm ara wɔne Herode akyidifoɔ+ no kɔbɔɔ ne ho pɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛku no.
7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano, na nnipadɔm kɛseɛ bi firii Galilea ne Yudea dii n’akyi.+ 8 Nnipadɔm pii a wɔfiri Yerusalem ne Idumea ne Yordan agya ne nkuro a atwa Tiro ne Sidon ho ahyia tee nneɛma pii a ɔreyɛ no, na wɔfirii hɔ mpo baa ne nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔnhwehwɛ kodoɔ ketewa bi nsi hɔ mma no, na dɔm no ankyere ne so. 10 Ɔsaa nnipa pii yareɛ. Ɛno nti wɔn a wɔn yareɛ mu yɛ den nyinaa bɛfum ne ho sɛ wɔde wɔn nsa rebɛka no.+ 11 Sɛ ahonhom fĩ mpo+ hu no a, na wɔhwehwe ase wɔ n’anim teateam sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ 12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn mprɛ pii sɛ wɔnhwɛ na wɔamma nkurɔfoɔ anhunu onipa korɔ a ɔyɛ.+
13 Afei ɔforo kɔɔ bepɔ bi so, na ɔfrɛɛ wɔn a ɔpɛ,+ na wɔkɔɔ ne nkyɛn.+ 14 Ɛnna ɔyii 12 yɛɛ wɔn kuo baako, na ɔsan frɛɛ wɔn asomafoɔ. Wɔn na na wɔbɛka ne ho na wasoma wɔn akɔka asɛm no, 15 na wɔanya tumi de atu ahonhommɔne.+
16 Na 12+ a ɔyii wɔn no ne Simon, a ɔsan maa no din Petro,+ 17 ne Sebedeo ba Yakobo ne Yakobo nua Yohane (ɔsan too weinom din Boanerges, a ɛkyerɛ “Aprannaa Mma”),+ 18 ne Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, Nsiyɛfoɔ Simon,* 19 ne Yuda Iskariot a akyire yi ɔyii no maeɛ no.
Afei ɔkɔɔ efie bi mu, 20 na nnipadɔm no bɛhyiaa bio ma enti wɔantumi annidi mpo. 21 Berɛ a n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔkye no, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ne tirim ka no.”+ 22 Afei atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: “Ɔwɔ Beelsebub,* na ɔde ahonhommɔne panin no na ɛtu ahonhommɔne.”+ 23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, na ɔde mfatoho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan atu Satan? 24 Sɛ ahennie bi ko tia ne ho a, saa ahennie no rentumi nnyina,+ 25 na sɛ efie bi ko tia ne ho a, saa fie no rentumi nnyina. 26 Enti sɛ Satan asɔre atia ne ho na ɔko tia ne ho a, ɔrentumi nnyina; mmom na n’awieeɛ na ɛreba. 27 Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔwia ne nneɛma, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na watumi asesa nneɛma a ɛwɔ ne fie. 28 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde deɛ nnipa mma bɛyɛ nyinaa bɛkyɛ wɔn, ɛmfa ho bɔne korɔ a wɔbɛyɛ ne abususɛm a wɔbɛka biara. 29 Nanso obiara a ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da,+ mmom ne bɔne ho afobuo da ne so daa.”+ 30 Deɛ enti a ɔkaa saa ne sɛ, na wɔrekeka sɛ: “Ɔwɔ honhom fĩ.”+
31 Afei ne maame ne ne nua mmarima+ baeɛ, na wɔgyinaa abɔnten somaa obi sɛ ɔnkɔfrɛ no mmra.+ 32 Saa berɛ no, na nnipadɔm atwa ne ho ahyia, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten rehwehwɛ wo.”+ 33 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwannom ne me maame ne me nua mmarima?” 34 Na ɔhwɛɛ wɔn a wɔtete ne nkyɛn no hyiae, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, me maame ne me nua mmarima nie!+ 35 Obiara a ɔyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”+