Marko Twerɛtohɔ
4 Na ɔsan firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ po no ano, na nnipadɔm kɛseɛ bi bɛtwaa ne ho hyiaeɛ. Enti ɔkɔforoo kodoɔ tenaa mu wɔ po no so, na na nnipadɔm no nyinaa wɔ po no ano.+ 2 Na ɔfirii aseɛ de mfatoho kyerɛkyerɛɛ wɔn+ nneɛma bebree. Berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no, ɔkaa sɛ:+ 3 “Montie. Hwɛ! Ogufoɔ bi kɔɔ sɛ ɔrekɔgu aba.+ 4 Berɛ a ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa bɛdii. 5 Ebi nso kɔguu baabi a abotan wɔ a dɔteɛ pii nnie, na ɛsiane sɛ dɔteɛ pii nni hɔ nti,+ ntɛm ara na ɛfifiiɛ. 6 Nanso berɛ a awia pueeɛ no, ɛhyee no,* na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ. 7 Na aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyinii, na ɛmiaa no, na anso aba.+ 8 Na ebi nso kɔguu asaase pa mu, na ɛfifii na ɛnyinii, na ɛfirii aseɛ soo aba, ebi mmɔho 30, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 100.”+ 9 Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+
10 Na berɛ a ɛkaa ɔno nko ara no, wɔn a na wɔka ne ho no ne Dumienu no firii aseɛ bisabisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm kronkron+ no ase, na wɔn a aka no deɛ, wɔde mfatoho na ɛka biribiara kyerɛ wɔn.+ 12 Enti wɔbɛhwɛ deɛ, nanso wɔrenhunu, wɔbɛte deɛ, nanso wɔrente aseɛ; na wɔrensakra da mma wɔmfa nkyɛ wɔn.”+ 13 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim deɛ mfatoho yi kyerɛ, enti ɛbɛyɛ dɛn na moate mfatoho a aka no nyinaa ase?
14 “Ogufoɔ no gu asɛm no.+ 15 Enti weinom ne deɛ ɛkɔguu kwankyɛn, baabi a wɔguu asɛm no; wɔn na wɔte asɛm no ara pɛ a, Satan ba+ bɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.+ 16 Na weinom nso ne deɛ ɛkɔguu abotan so no; wɔn na wɔte asɛm no ara pɛ a, wɔde anigyeɛ gye tom.+ 17 Nanso wɔnni nhini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti, sɛ amanehunu ba anaa wɔtan wɔn ani ara pɛ, na ato wɔn suntidua. 18 Ebi nso wɔ hɔ a, ɛkɔguu nkasɛɛ mu. Weinom ne wɔn a wɔte asɛm no,+ 19 nanso wiase yi* mu dadwene+ ne ahonyadeɛ nnaadaa+ ne nneɛma foforɔ ho akɔnnɔ+ wura wɔn akoma mu, na ɛmia asɛm no, na ɛnso aba. 20 Afei deɛ wɔguu no asaase pa mu no ne wɔn a wɔtie asɛm no a wɔgye no fɛ so na wɔso aba. Ebi so 30, ebi 60, na ebi nso so 100.”+
21 Na ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kɛntɛn* anaa mpa ase na wɔde kanea si anaa? Ɛnyɛ kaneadua so na wɔde si?+ 22 Na biribiara nni hɔ a ahinta a wɔremmue so; na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛremma petee mu.+ 23 Obiara a ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no, ma no ntie.”+
24 Ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Monyɛ aso ntie asɛm yi yie.+ Adeɛ a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo, aane, wɔde bi bɛka ho ama mo. 25 Na obiara a ɔwɔ nteaseɛ no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho,+ na deɛ ɔnni nteaseɛ no deɛ, nteaseɛ kakra a ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn bɛgye afiri ne nsam.”+
26 Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: “Enti Onyankopɔn Ahennie te sɛ berɛ a obi gu aba wɔ asaase so. 27 Ɔda anadwo, na ɔsɔre anɔpa, na aba no fifi na ɛyɛ tenten; ɛkwan a ɛfaa so yɛɛ saa deɛ, ɔnnim. 28 Asaase no ara de nkakrankakra so aba; ɛdi kan yi ahaban, afei ɛbɔ bɛtem, na aba ba bɛtem no ho. 29 Na sɛ aba no nyini ara pɛ a, ɔtwe so kantankrankyi,* ɛfiri sɛ na twaberɛ aduru.”
30 Na ɔtoaa so bisaa sɛ: “Ɛdeɛn ho na yɛde Onyankopɔn Ahennie bɛtoto, anaa mfatoho bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? 31 Ɛte sɛ sinapi aba. Sɛ woredua wɔ fam a, ɛyɛ asaase so aba nyinaa mu deɛ ɛsua koraa.+ 32 Nanso wodua wie a, ɛnyini bɛyɛ kɛse sene afifideɛ* foforɔ biara, na ɛyiyi nkorabata akɛseɛ ma ewiem nnomaa nya ne nwunu ase tena.”
33 Enti ɔde mfatoho+ a ɛtete saa pii kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ. 34 Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho. Nanso sɛ ɛka ɔne n’asuafoɔ no nko ara a, na wakyerɛkyerɛ biribiara mu.+
35 Na saa da no anwummerɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛntwa nkɔ asuogya.”+ 36 Enti berɛ a wɔgyaa nnipadɔm no kwan wieeɛ no, wɔde no tenaa kodoɔ no mu kɔe a na ɔnyɛɛ ahoboa biara, na na akodoɔ foforɔ nso ka ne ho.+ 37 Afei mframa dendeenden bi bɔeɛ, na asorɔkye no bɔ baa kodoɔ no mu; ɛkaa dɛ, anka nsuo rebu afa kodoɔ no so.+ 38 Nanso na ɔwɔ kodoɔ no akyi ada sumiiɛ no so. Enti wɔnyanee no bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, enti yɛrebɛwuwu yi, ɛmfa wo ho?” 39 Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔteateaa mframa no ka kyerɛɛ po no sɛ: “Mua w’ano! Yɛ dinn!”+ Na mframa no ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn. 40 Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo* saa? Adɛn, monni gyidie?” 41 Na ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwan koraa nie? Mframa ne ɛpo mpo tie no.”+