Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
5 Yafet mma ne Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal,+ Mesek,+ ne Tira.+
6 Gomer mma ne Askenas, Rifat, ne Togarma.+
7 Yawan mma ne Elisah, Tarsis, Kitim, ne Rodanim.
8 Ham mma ne Kus,+ Misraim, Put, ne Kaanan.+
9 Kus mma ne Seba,+ Hawila, Sabta, Raama,+ ne Sabteka.
Raama mma ne Saba ne Dedan.+
10 Kus woo Nimrod.+ Ɔno na ɔbɛyɛɛ otumfoɔ a ɔdi kan wɔ asaase so.
11 Misraim woo Ludim,+ Anamim, Lehabim, Naftuhim,+ 12 Patrusim,+ Kasluhim (wɔn asefoɔ ne Filistifoɔ),+ ne Kaftorim.+
13 Kaanan woo Sidon+ a ɔyɛ ne ba panin, ne Het,+ 14 ne afei Yebusifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Girgasifoɔ,+ 15 Hiwifoɔ,+ Arkifoɔ, Sinfoɔ, 16 Awadfoɔ,+ Semarifoɔ, ne Hamatfoɔ.
18 Arfaksad woo Sela,+ na Sela nso woo Eber.
19 Eber woo mma mmienu. Baako din de Peleg,*+ ɛfiri sɛ ne berɛ so na nnipa mu kyekyɛɛ wɔ asaase so.* Ne nua din de Yoktan.
20 Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera,+ 21 Hadoram, Usal, Dikla, 22 Obal, Abimael, Saba, 23 Ofir,+ Hawila,+ ne Yobab. Weinom nyinaa yɛ Yoktan mma.
28 Abraham mma ne Isak+ ne Ismael.+
29 Wɔn mmusua din nie: Ismael ba panin ne Nebaiot,+ na wɔn a wɔdi hɔ ne Kedar,+ Adbeel, Mibsam,+ 30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31 Yetur, Nafis, ne Kedema. Weinom ne Ismael mma.
32 Abraham mpena* Ketura+ mma ne Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak, ne Suha.+
Yoksan mma ne Saba ne Dedan.+
33 Midian woo Efa,+ Efer, Hanok, Abida, ne Eldaa.
Weinom nyinaa yɛ Ketura mma.
34 Abraham woo Isak.+ Isak mma ne Esau+ ne Israel.+
35 Esau mma ne Elifas, Reuel, Yeus, Yalam, ne Kora.+
36 Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam, Kenas, Timna, ne Amalek.+
37 Reuel mma ne Nahat, Sera, Samma, ne Misa.+
38 Seir+ mma ne Lotan, Sobal, Sibeon, Anah, Dison, Eser, ne Disan.+
39 Lotan mma ne Hori ne Homam. Lotan nuabaa ne Timna.+
40 Sobal mma ne Alwan, Manahat, Ebal, Sefo, ne Onam.
Sibeon mma ne Aiya ne Anah.+
Dison mma ne Hemdan, Esban, Yitran, ne Keran.+
42 Eser+ mma ne Bilhan, Saawan, ne Akan.
Disan mma ne Us ne Aran.+
43 Ahemfo a wɔdii Edom+ asaase so ansa na Israelfoɔ*+ rebɛnya ɔhene adi wɔn so nie: Beor ba Bela; ná ne kuro din de Dinhaba. 44 Bela wuiɛ no, Sera a ɔfiri Bosra+ ba Yobab bɛdii n’adeɛ. 45 Berɛ a Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Temanfoɔ asaase so no bɛdii n’adeɛ. 46 Husam wuiɛ no, Bedad ba Hadad a ɔdii Midianfoɔ so nkonim wɔ Moab asaase so no bɛdii n’adeɛ, na na ne kuro din de Awit. 47 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ. 48 Berɛ a Samla wuiɛ no, Saul a ɔfiri Rehobot a ɛwɔ Asubɔnten no ho no bɛdii n’adeɛ. 49 Saul wuiɛ no, Akbor ba Baal-Hanan bɛdii n’adeɛ. 50 Berɛ a Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad bɛdii n’adeɛ; ná ne kuro din de Pau. Ná ne yere de Mehetabel, na Mesahab ba Matred na ɔwoo no. 51 Akyire yi Hadad wuiɛ.
Edom abusua mpanimfoɔ din nie: Abusuapanin Timna, Abusuapanin Alwa, Abusuapanin Yetet,+ 52 Abusuapanin Oholibama, Abusuapanin Ela, Abusuapanin Pinon, 53 Abusuapanin Kenas, Abusuapanin Teman, Abusuapanin Mibsar, 54 Abusuapanin Magdiel, ne Abusuapanin Iram. Weinom ne Edom abusua no mpanimfoɔ.