Malaki
4 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ! Ɛda bi reba, na ɛredɛre te sɛ fononoo mu gya.+ Saa da no, ahantanfoɔ ne wɔn a wɔdi bɔne nyinaa bɛyɛ sɛ ɛserɛ.* Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, na wɔn nhini anaa wɔn nkorabata mpo renka. 2 Nanso mo a mohyɛ me din animuonyam* no deɛ, awia a ɛde tenenee ba a ayaresa wɔ ne hann mu* no bɛhyerɛn mo so. Na mobɛhurihuri te sɛ nantwie mma a wɔadɔre sradeɛ.”
3 “Ɛda a mɛkeka me ho no, mobɛtiatia abɔnefoɔ so, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ sɛ mfuturo wɔ mo nan ase,” asafo Yehowa asɛm nie.
4 “Monkae m’akoa Mose Mmara no, ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mekaa no wɔ Horeb sɛ Israelfoɔ nyinaa nni so no.+
5 “Hwɛ! Meresoma odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn+ ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.+ 6 Na ɔbɛdane agyanom akoma aba mma so,+ na wadane mma akoma aba agyanom so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meremma mmɛbɔ asaase no nsɛe no.”
(Hebri ne Aram Twerɛnsɛm no nkyerɛaseɛ no awieeɛ nie; Greek Twerɛnsɛm no toa so)