Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Filipifoɔ 1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Filipifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Nkyea (1, 2)

      • Paul daa Onyankopɔn ase; ne mpaebɔ (3-11)

      • Ɔhaw nyinaa akyi, asɛmpa no nya nkɔsoɔ (12-20)

      • Mete ase ma Kristo; mewu a, ɛyɛ mfasoɔ (21-26)

      • Momma mo abrabɔ mfata asɛmpa no (27-30)

Filipifoɔ 1:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:12
  • +1Ti 3:1, 8

Filipifoɔ 1:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 1:2

Filipifoɔ 1:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:8
  • +Flp 2:13

Filipifoɔ 1:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 3:1; Flp 1:13; Kol 4:18; 2Ti 1:8; Flm 13
  • +Aso 24:10, 14; 25:10-12

Filipifoɔ 1:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 3:12
  • +Yoh 17:3
  • +Heb 5:14

Filipifoɔ 1:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:2
  • +Ro 14:13, 21

Filipifoɔ 1:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:5

Filipifoɔ 1:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 3:1
  • +Aso 28:30, 31

Filipifoɔ 1:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 1:7

Filipifoɔ 1:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:11
  • +Yoh 15:26

Filipifoɔ 1:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:8; 1Pe 4:16

Filipifoɔ 1:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 2:20
  • +1Te 4:14; 2Ti 4:8; Adi 14:13

Filipifoɔ 1:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ti 4:6
  • +2Ko 5:6, 8

Filipifoɔ 1:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mode baakoyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:1, 3; Kol 1:10
  • +Ro 15:5, 6; 1Ko 1:10

Filipifoɔ 1:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Te 1:6
  • +Lu 21:19; 2Te 1:4, 5

Filipifoɔ 1:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 5:41

Filipifoɔ 1:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:22, 23; 1Te 2:2

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Filip. 1:1Aso 16:12
Filip. 1:11Ti 3:1, 8
Filip. 1:41Te 1:2
Filip. 1:61Ko 1:8
Filip. 1:6Flp 2:13
Filip. 1:7Efe 3:1; Flp 1:13; Kol 4:18; 2Ti 1:8; Flm 13
Filip. 1:7Aso 24:10, 14; 25:10-12
Filip. 1:91Te 3:12
Filip. 1:9Yoh 17:3
Filip. 1:9Heb 5:14
Filip. 1:10Ro 12:2
Filip. 1:10Ro 14:13, 21
Filip. 1:11Yoh 15:5
Filip. 1:13Efe 3:1
Filip. 1:13Aso 28:30, 31
Filip. 1:16Flp 1:7
Filip. 1:192Ko 1:11
Filip. 1:19Yoh 15:26
Filip. 1:20Ro 14:8; 1Pe 4:16
Filip. 1:21Ga 2:20
Filip. 1:211Te 4:14; 2Ti 4:8; Adi 14:13
Filip. 1:232Ti 4:6
Filip. 1:232Ko 5:6, 8
Filip. 1:27Efe 4:1, 3; Kol 1:10
Filip. 1:27Ro 15:5, 6; 1Ko 1:10
Filip. 1:282Te 1:6
Filip. 1:28Lu 21:19; 2Te 1:4, 5
Filip. 1:29Aso 5:41
Filip. 1:30Aso 16:22, 23; 1Te 2:2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Filipifoɔ 1:1-30

Ɔde Kɔmaa Filipifoɔ

1 Paul ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa; yɛde krataa yi rekɔma Filipi+ akronkronfoɔ a wɔwɔ Kristo Yesu mu nyinaa, ahwɛfoɔ ne asafo mu asomfoɔ+ nyinaa ka ho:

2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.

3 Berɛ biara a mɛkae mo no, meda me Nyankopɔn ase 4 wɔ me nkotosrɛ nyinaa mu. Mede anigyeɛ srɛ ma mo,+ 5 ɛfiri sɛ ɛfiri da a ɛdi kan bɛsi nnɛ, moaboa ama asɛmpa no anya nkɔsoɔ. 6 Awerɛhyɛmu a mewɔ ne sɛ, deɛ ɔfirii adwuma pa ase wɔ mo mu no, Kristo Yesu da no bɛba+ no, na wawie.+ 7 Moda m’akoma so, enti sɛ menya saa adwene yi wɔ mo nyinaa ho a, ɛyɛ ne kwan so, ɛfiri sɛ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,+ ne asɛmpa no a mebɔ ho ban mmara kwan so+ no nyinaa mu no, motaa m’akyi, enti me ne mo nyinaa anya adom no mu kyɛfa.

8 Onyankopɔn ne me dansefoɔ sɛ m’ani agyina mo nyinaa. Sɛdeɛ Kristo Yesu pɛ mo asɛm no, saa ara na me nso mepɛ mo asɛm. 9 Me mpaebɔ ne sɛ mo dɔ nkɔ so nyɛ kɛse,+ na monnya nokorɛ nimdeɛ+ ne nteaseɛ a ɛkɔ akyiri nso.+ 10 Mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛhwehwɛ mu ahu nneɛma a ɛhia paa+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a dɛm biara remma mo ho, na moanto afoforɔ suntidua+ kɔsi Kristo da no. 11 Afei nso, me mpaebɔ ne sɛ tenenee aba+ a Yesu Kristo ama moaso no, ɛso mmra mfasoɔ pii mma mo, na monam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, na moayi no ayɛ.

12 Afei anuanom, mepɛ sɛ mohu sɛ deɛ ato me no ama asɛmpa no anya nkɔsoɔ mmom, 13 ɛfiri sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a Kristo nti wɔde agu me+ no, Aban Awɛmfoɔ nyinaa ne nnipa a aka nyinaa ate ho asɛm.+ 14 Wɔn a wɔwɔ Awurade mu no, m’afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn no ama wɔn mu dodoɔ no ara anya ahotɔsoɔ, na saa anuanom no nyinaa de akokoɔduro kɛseɛ reka Onyankopɔn asɛm a wɔnsuro.

15 Ɛwom, ebinom de aniberɛ ne ahoɔyaa na ɛreka Kristo ho asɛm, nanso ebinom de adwempa na ɛreka. 16 Wɔn a wɔde adwempa ka no, ɔdɔ nti na wɔbɔ Kristo ho dawuro, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ wɔayi me sɛ mennyina asɛmpa no akyi;+ 17 nanso wɔn a wɔde aniberɛ ne ahoɔyaa reyɛ saa no yɛ mansotwefoɔ a wɔnkura adwempa, na wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma me ho ahiahia me wɔ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. 18 Ɛdeɛn na afiri mu aba? Ɛno ara ne sɛ akwan nyinaa mu no, sɛ nnaadaa na wɔde yɛ oo, nokorɛdie na wɔde yɛ oo, wɔrebɔ Kristo ho dawuro, na medi wei ho ahurisie. Na mɛkɔ so adi ho ahurisie, 19 ɛfiri sɛ menim sɛ wei bɛma manya nkwa ɛsiane mo nkotosrɛ+ ne Yesu Kristo honhom+ nti. 20 Ɛno na mehwɛ kwan dendeenden na m’ani da so, na menim sɛ m’ani renwu kwan biara so, na mmom sɛdeɛ akɔ so abɛsi nnɛ no, nkwa mu oo, owuo mu oo, menam me nipadua so de akokoɔduro bɛkamfo Kristo.+

21 Na me deɛ, sɛ mete ase a, mete ase ma Kristo;+ sɛ mewu nso a, ɛyɛ mfasoɔ ma me.+ 22 Na sɛ mekɔ so tena ase honam mu a, m’adwuma no bɛso aba, nanso deɛ mepɛ paa deɛ, menka ho asɛm. 23 Nneɛma mmienu yi, menhunu deɛ ɛyɛ ma me, ɛfiri sɛ me yam a, anka manya me ho atete akɔka Kristo ho,+ na anka ɛno mpo na ɛyɛ.+ 24 Nanso mo nti, ɛhia sɛ mekɔ so tena ase honam mu. 25 Awerɛhyɛmu a mewɔ wɔ wei mu nti, menim sɛ mɛtwɛn ne mo nyinaa atena honam mu, na moanya nkɔsoɔ ne anigyeɛ wɔ gyidie no mu, 26 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, berɛ a maba mo nkyɛn bio no, me nti mobɛdi ahurisie aboro so wɔ Kristo Yesu mu.

27 Deɛ mepɛ ara ne sɛ mobɛma mo abrabɔ afata Kristo asɛmpa no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba bɛhu mo anaasɛ menni hɔ mpo a, mɛte mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn wɔ honhom korɔ mu, na mode ɔkra korɔ*+ di apereɛ ma gyidie a ɛgyina asɛmpa no so no, 28 berɛ a mommma mo atamfo nnhunahuna mo ɛkwan biara so. Wei yɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn,+ nanso ɛkyerɛ nkwagyeɛ ma mo,+ na ɛfiri Onyankopɔn hɔ, 29 ɛfiri sɛ mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na wɔamfa amma mo sɛ monnya ne mu gyidie kɛkɛ; wɔde maa mo sɛ monsi n’ananmu nhunu amane nso.+ 30 Deɛ ɛwom ne sɛ, aperepereɛ a mohuu sɛ meredi+ na megu so redi no, ɛno ara bi na morefa mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane