Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Filipifoɔ 3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Filipifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to ɔhonam so (1-11)

        • Kristo nti mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu (7-9)

      • Mereyere me ho aduru botaeɛ no ho (12-21)

        • Yɛyɛ ɔman mma wɔ soro (20)

Filipifoɔ 3:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 13:11; Flp 4:4; 1Te 5:16

Filipifoɔ 3:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔtwitwa ɔhonam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 5:2

Filipifoɔ 3:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 4:4; Ro 2:29; Kol 2:11
  • +Ga 6:14; Heb 9:13, 14

Filipifoɔ 3:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔde ne ho bɛto so.”

Filipifoɔ 3:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 17:12; Le 12:3
  • +2Ko 11:22
  • +Aso 23:6; 26:4, 5

Filipifoɔ 3:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nnamyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:3; 9:1, 2; Ga 1:13

Filipifoɔ 3:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mato ne nyinaa agu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 13:44

Filipifoɔ 3:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bɔɔla.”

Filipifoɔ 3:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 2:15, 16
  • +Ro 4:5
  • +Ro 3:20-22

Filipifoɔ 3:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 15:22; 2Ko 13:4
  • +Ro 8:17; 2Ko 4:10; Kol 1:24
  • +Ro 6:5

Filipifoɔ 3:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 4:16; Adi 20:6

Filipifoɔ 3:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Yesu nsa aka me.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 6:12
  • +Lu 13:24

Filipifoɔ 3:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 9:62
  • +1Ko 9:24

Filipifoɔ 3:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nkonimboɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 3:1
  • +2Ti 4:8; Heb 12:1

Filipifoɔ 3:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:20; Heb 5:14

Filipifoɔ 3:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 4:16; 2Te 3:9

Filipifoɔ 3:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Filipifoɔ 3:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:5; Yak 3:15

Filipifoɔ 3:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 2:19
  • +Yoh 18:36; Efe 2:6; Kol 3:1
  • +1Ko 1:7; 1Te 1:10; Tit 2:13; Heb 9:28

Filipifoɔ 3:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 15:42, 49
  • +1Ko 15:27; Heb 2:8

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Filip. 3:12Ko 13:11; Flp 4:4; 1Te 5:16
Filip. 3:2Ga 5:2
Filip. 3:3Yer 4:4; Ro 2:29; Kol 2:11
Filip. 3:3Ga 6:14; Heb 9:13, 14
Filip. 3:5Ge 17:12; Le 12:3
Filip. 3:52Ko 11:22
Filip. 3:5Aso 23:6; 26:4, 5
Filip. 3:6Aso 8:3; 9:1, 2; Ga 1:13
Filip. 3:7Mt 13:44
Filip. 3:9Ga 2:15, 16
Filip. 3:9Ro 4:5
Filip. 3:9Ro 3:20-22
Filip. 3:101Ko 15:22; 2Ko 13:4
Filip. 3:10Ro 8:17; 2Ko 4:10; Kol 1:24
Filip. 3:10Ro 6:5
Filip. 3:111Te 4:16; Adi 20:6
Filip. 3:121Ti 6:12
Filip. 3:12Lu 13:24
Filip. 3:13Lu 9:62
Filip. 3:131Ko 9:24
Filip. 3:14Heb 3:1
Filip. 3:142Ti 4:8; Heb 12:1
Filip. 3:151Ko 14:20; Heb 5:14
Filip. 3:171Ko 4:16; 2Te 3:9
Filip. 3:19Ro 8:5; Yak 3:15
Filip. 3:20Efe 2:19
Filip. 3:20Yoh 18:36; Efe 2:6; Kol 3:1
Filip. 3:201Ko 1:7; 1Te 1:10; Tit 2:13; Heb 9:28
Filip. 3:211Ko 15:42, 49
Filip. 3:211Ko 15:27; Heb 2:8
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Filipifoɔ 3:1-21

Ɔde Kɔmaa Filipifoɔ

3 Afei me nuanom, monkɔ so nni ahurisie wɔ Awurade mu.+ Sɛ metwerɛ ade korɔ no ara ho asɛm brɛ mo a, ɛnha me; ɛyɛ ahobammɔ mmom ma mo.

2 Monhwɛ mo ho yie wɔ nkraman no ho; monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔdi nkurɔfoɔ aborɔ no ho; monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔagye twetiatwa agyinam* no ho.+ 3 Ɛfiri sɛ yɛn na wɔatwa yɛn twetia ankasa,+ na yɛnam Onyankopɔn honhom so reyɛ ɔsom adwuma; yɛhoahoa yɛn ho wɔ Kristo Yesu mu,+ nanso yɛmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4 Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho* ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me.

Sɛ onipa foforɔ biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, mewɔ deɛ ɛkyɛn saa. 5 Wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe,+ meyɛ Israelni a mefiri Benyamin abusuakuo mu, meyɛ Hebrini a Hebrifoɔ na ɛwoo me;+ ɛba mmara so di a, meyɛ Farisini;+ 6 yɛreka mmɔdemmɔ* a, meyeree me ho tan asafo no ani;+ yɛreka tenenee a ɛgyina mmara so a, na meyɛ obi a asɛm biara nni me ho. 7 Nanso nneɛma a na mfasoɔ wɔ so ma me no, Kristo nti mabu no sɛ ɛso nni mfasoɔ.*+ 8 Asɛm no ara ne sɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so nti, mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu. Ɔno nti na mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu ne nwura dodoɔ* na matumi anya Kristo, 9 na wɔahu me sɛ me ne no ayɛ baako, nanso ɛnyɛ me ara me tenenee a ɛgyina Mmara no so nti, na mmom tenenee a ɛnam Kristo+ mu gyidie+ so, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn tenenee a ɛgyina gyidie so.+ 10 Deɛ mepɛ ara ne sɛ mɛhu no, na mahu tumi a wɔde nyanee no+ no, na manya n’amanehunu mu kyɛfa+ awu ne wuo no bi,+ 11 na mahwɛ sɛ ebia mɛtumi anya owusɔreɛ a ɛdi kan+ no mu kyɛfa anaa.

12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka botaeɛ no anaa mawie pɛyɛ, na mmom atirimpɔ a enti Kristo Yesu ayi me*+ no, merebɔ mmɔden+ ahwɛ sɛ mɛduru ho anaa. 13 Anuanom, memmu no sɛ me nsa anya aka, na mmom deɛ meyɛ ne sɛ, mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyire no,+ na meyere me ho duru nneɛma a ɛwɔ m’anim no ho.+ 14 Mebɔ mmɔden sɛ mɛduru botaeɛ no ho. Botaeɛ no ne ɔsoro frɛ+ no, na ɛno ne abasobɔdeɛ*+ a Onyankopɔn de bɛma wɔn a ɔnam Kristo Yesu so afrɛ wɔn no. 15 Enti momma yɛn a yɛn ho akokwa+ no nnya saa adwene yi, na sɛ mokura adwene foforɔ biara a, Onyankopɔn bɛkyerɛ mo adwene a ɛfata. 16 Asɛm no ara ne sɛ, baabi a yɛanya nkɔsoɔ akɔduru no, momma yɛnkɔ so nnante saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.

17 Anuanom, mo nyinaa monsuasua me,+ na monhwɛ wɔn a wɔnante sɛdeɛ yɛayɛ ho nhwɛsoɔ akyerɛ mo no nso. 18 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a na metaa bɔ wɔn din, nanso afei deɛ mebɔ wɔn din a na adane nisuo, ɛfiri sɛ wɔabɛyɛ Kristo asɛndua* no ho atamfo. 19 Wɔn awieeɛ yɛ ɔsɛeɛ, na wɔn nyame ne wɔn yafunu; aniwuo mmom na ɛyɛ wɔn animuonyam, na wɔde wɔn adwene asi asaase so nneɛma+ so. 20 Nanso yɛn deɛ, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na yɛretwɛn dendeenden sɛ ɔgyefoɔ, Awurade Yesu Kristo, bɛfiri hɔ aba;+ 21 ɔno na ɔbɛma yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛ no ayɛ sɛ ne nipadua a ɛwɔ animuonyam+ no. Ne tumi kɛseɛ a ɛma no ka nneɛma nyinaa hyɛ n’ase+ no, ɛno na ɔde bɛyɛ saa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane