Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Tesalonikafoɔ
2 Anuanom, mo ara monim paa sɛ mo nkyɛn a yɛbaeɛ no anyɛ kwa.+ 2 Na sɛdeɛ monim no, mfitiaseɛ no, yɛhunuu amane, na wɔtwaa yɛn adapaa wɔ Filipi.+ Nanso, yɛn Nyankopɔn maa yɛnyaa akokoɔduro de kaa Onyankopɔn asɛmpa+ no kyerɛɛ mo wɔ ɔsɔretia pii mu.* 3 Na afotuo a yɛde ma no, ɛmfiri atosɛm anaa adeɛ a ɛho nteɛ mu, na ɛnnyina nnaadaa so. 4 Mmom, ɛsiane sɛ Onyankopɔn agye yɛn atom sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa nti, yɛkasa a, yɛmfa nsɔ nnipa ani, na mmom yɛkasa de sɔ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ yɛn akoma mu+ no ani.
5 Nokwasɛm ne sɛ, monim sɛ yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, na yɛamfa nyansakwan so annidi mo ho da;+ Onyankopɔn ne danseni! 6 Saa ara nso na yɛnhwehwɛ nnipa anim animuonyam mfiri mo hɔ anaa nkurɔfoɔ nkyɛn. Ɛwom, ɛsiane sɛ yɛyɛ Kristo asomafoɔ nti, anka yɛbɛtumi de ɛka kɛseɛ ato mo so.+ 7 Nanso, berɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ɔno ara ne mma no.* 8 Ɛsiane sɛ na yɛpɛ mo asɛm paa nti, yɛyeree yɛn ho* kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛkuu yɛn ho* nso maa mo,+ ɛfiri sɛ na yɛdɔ mo paa.+
9 Anuanom, yɛgye di paa sɛ mokae yɛn adwumaden ne yɛn brɛ. Berɛ a yɛreka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo no, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛseɛ nto mo mu biara so.+ 10 Modi ho adanseɛ, na Onyankopɔn nso di ho adanseɛ sɛ, yɛyɛɛ anokwafoɔ ne ateneneefoɔ ne wɔn a wɔn ho nni asɛm maa mo a moyɛ agyidifoɔ no. 11 Mo ara monim sɛ, yɛkɔɔ so tuu mo fo, yɛkyekyee mo werɛ, na yɛdii mo mu biara adanseɛ+ sɛdeɛ agya+ yɛ ne mma. 12 Yɛyɛɛ saa na ama moakɔ so anante sɛdeɛ ɛfata Onyankopɔn+ a ɔrefrɛ mo akɔ n’Ahennie+ ne n’animuonyam mu+ no.
13 Nokorɛm no, ɛno nso nti na yɛda Onyankopɔn ase daa,+ ɛfiri sɛ berɛ a mogyee Onyankopɔn asɛm a mote firii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mogyee no sɛdeɛ ɛteɛ ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ agyidifoɔ mu no. 14 Anuanom, mosuasuaa Onyankopɔn asafo ahodoɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu wɔ Yudea no, ɛfiri sɛ mohunuu amane wɔ mo ankasa mo manfoɔ nsam,+ sɛdeɛ wɔn nso rehunu amane korɔ no ara bi wɔ Yudafoɔ nsam no. 15 Saa Yudafoɔ yi na wɔkum Awurade Yesu+ mpo ne adiyifoɔ no, na wɔtan yɛn ani.+ Afei nso, wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na deɛ wɔyɛ no mmoa onipa biara, 16 ɛfiri sɛ wɔyɛ sɛ wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrenkasa nkyerɛ amanaman mufoɔ no mma wɔnnye wɔn nkwa.+ Berɛ a wɔreyɛ saa nyinaa, na wɔn bɔne redɔɔso. Na afei deɛ, n’abufuo aba wɔn so.+
17 Nanso anuanom, berɛ a yɛne mo ntam tetee berɛ tiaa bi (ɔhonam mu, ɛnyɛ yɛn akoma mu) no, ɛsiane sɛ na yɛn ani agyina mo paa nti, yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yɛbɛhu mo anim. 18 Ɛno nti, na yɛpɛ sɛ yɛba mo nkyɛn. Me Paul mpo deɛ, mebɔɔ me ho mmɔden pɛnkoro ne ne mprenu so sɛ anka mɛba, nanso Satan sii yɛn kwan. 19 Na deɛn ne yɛn anidasoɔ anaa yɛn anigyeɛ anaa yɛn abotire a yɛde bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu anim wɔ ne mmaeɛ mu? Ɛnyɛ mo?+ 20 Nokwasɛm nie, mone yɛn animuonyam ne yɛn anigyeɛ.