Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Tesalonikafoɔ
2 Nanso, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ+ ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔ ne nkyɛn+ no ho deɛ, yɛsrɛ mo sɛ, 2 sɛ nkurɔfoɔ keka sɛ Yehowa* da+ no aduru, na wɔkyerɛ sɛ deɛ wɔreka no yɛ honhom mu* asɛm anaa asɛm a ebinom aka anaa krataa a ɛfiri yɛn hɔ mpo a, mommma ɛnnsɛe mo adwene ntɛm na mommma ɛnntu mo akoma.+
3 Mommma obiara mmma mommfom kwan* wɔ ɛkwan biara so, ɛfiri sɛ saa da no remma gye sɛ ɔwaeɛ+ no adi kan aba ama onipa a ɔnni mmara so,+ ɔsɛeɛ ba+ no ho ada hɔ ansa. 4 Ɔyɛ ɔsɔretiafoɔ, na ɔma ne ho so sene obiara a wɔfrɛ no onyame anaa biribiara a nkurɔfoɔ som. Enti ɔtena ase wɔ Onyankopɔn asɔrefie, na ɔda ne ho adi badwam sɛ ɔyɛ onyame. 5 Mo werɛ afi sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn no, na meka nsɛm yi kyerɛ mo anaa?
6 Seesei monim deɛ ɛresi kwan a ɛmmaa ne ho nnaa hɔ kɔsi sɛ ne berɛ bɛso no. 7 Nokorɛm no, deɛ ɔnni mmara so no ho ahintasɛm afiri aseɛ dada,+ nanso ɛbɛkɔ so ayɛ ahintasɛm akɔsi sɛ deɛ seesei ɔresi no kwan no bɛfiri kwan mu. 8 Ɛno akyi na wɔbɛda deɛ ɔnni mmara so no adi; ɔno na Awurade Yesu de n’anom honhom+ bɛyi no afiri hɔ wɔ ne mmaeɛ no mu berɛ a wɔbɛda Awurade Yesu adi+ no, na ɔbɛsɛe no. 9 Na deɛ ɔnni mmara so no mmaeɛ no, Satan na ɔtaa akyire;+ ɔde ahoɔden nnwuma* nyinaa, ne atorɔ nsɛnkyerɛnne, ne anwanwadeɛ ahodoɔ,+ 10 ne nnaadaa bɔne biara+ daadaa wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan so no. Na ɛbɛyɛ asotwe ama wɔn ɛfiri sɛ wɔannya nokorɛ no ho dɔ na ama wɔagye wɔn nkwa. 11 Ɛno nti na Onyankopɔn ma nnaadaa hyɛ wɔn so no, na ama wɔagye atorɔ no adi,+ 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛbu wɔn nyinaa atɛn ɛfiri sɛ wɔannye nokorɛ no anni, na mmom wɔn ani gyee deɛ ɛntene ho.
13 Nanso, anuanom a Yehowa* dɔ mo, yɛhu sɛ mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii mo+ firii mfitiaseɛ sɛ mommɛnya nkwagyeɛ. Ne honhom a ɔde te mo ho,+ ne gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ no mu no, ɛno na ɔnam so yii mo. 14 Ɔnam asɛmpa a yɛka no so na ɛfrɛɛ mo baa nkwagyeɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam.+ 15 Enti afei, anuanom, monnyina pintinn,+ na nkyerɛkyerɛ a yɛde gyaa mo no,+ sɛ ɛyɛ asɛm a yɛde yɛn ano kaeɛ oo, sɛ ɛyɛ krataa bi a ɛfiri yɛn hɔ oo, monkɔ so nkura mu. 16 Bio nso, yɛn Awurade Yesu Kristo ankasa ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔɔ yɛn,+ a n’adom nti ɔmaa yɛn awerɛkyekyerɛ a ɛboa yɛn afebɔɔ ne anidasoɔ pa+ no, 17 ɔnkyekye mo* werɛ, na ɔmma monnyina pintinn* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ nnwuma pa na moaka nsɛm a ɛyɛ.