10 Monyɛ afe a ɛtɔ so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuro mma asase no sofoɔ nyinaa nnya ahofadie.+ Ɛbɛyɛ Ahofadie afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapadeɛ so na obiara nsan nkɔ n’abusuafoɔ nkyɛn.+
16 Sɛ asase no bɛba abɛdi wo nsam mfeɛ pii a, ɛsɛ sɛ ɔma ne boɔ kɔ soro,+ na sɛ ɛbɛyɛ mfeɛ kakraa bi a, ɛsɛ sɛ ɔte boɔ no so, ɛfiri sɛ nnɔbaeɛ a wobɛnya no soɔ na ɔretɔn ama woɔ.