Deuteronomium 31:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Afei Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa maa Israel asafo no nyinaa teeɛ kɔsii sɛ ɔwieeɛ:+ Deuteronomium 32:44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 44 Afei Mose ne Nun ba Hosea+ bɛkaa nnwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ ɔman no.+ Kolosefoɔ 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so nyansa+ nyinaa mu. Monkɔ so mfa nnwom,+ ayeyie, ne honhom mu nnwom+ a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ+ mo ho mfa ntutu mo ho fo, na monto nnwom mo akoma mu mma Yehowa.+
16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so nyansa+ nyinaa mu. Monkɔ so mfa nnwom,+ ayeyie, ne honhom mu nnwom+ a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ+ mo ho mfa ntutu mo ho fo, na monto nnwom mo akoma mu mma Yehowa.+