15 “Sɛ Israelfoɔ retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefoɔ no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma yi na Kohat asefoɔ no bɛsoa.+
12 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mone Lewifoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ.+ Monnwira+ mo ho, mo ne mo nuanom, na monkɔfa Yehowa, Israel Nyankopɔn adaka no mmra baabi a masiesie ama no no.