Numeri
35 Na Yehowa ne Mose kasaa Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan+ wɔ Yeriko no, na ɔkaa sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyi wɔn nkuro no bi mma Lewifoɔ+ no ntena mu, na wɔnnya mfikyisase nto nkuro no ho nyinaa mma Lewifoɔ no.+ 3 Nkuro no bɛyɛ wɔn atenaeɛ, na mfikyisase no ayɛ baabi a wɔn nyɛmmoa ne mmoa foforɔ nyinaa bɛdidie ne baabi a wɔde wɔn nneɛma bɛguo. 4 Asase a mode bɛma Lewifoɔ sɛ mfikyisase no, ɛsɛ sɛ ɛne kuro no fasuo ntam yɛ basafa apem. Monsusu no saa ntwa kuro no ho nyinaa nhyia. 5 Monsusu basafa mpem mmienu wɔ kuro no apueeɛ fam, basafa mpem mmienu wɔ anafoɔ, basafa mpem mmienu wɔ atɔeɛ, ne basafa mpem mmienu wɔ atifi. Monsusu ne nyinaa ntwa kuro no ho nhyia, na wɔmfa nyɛ wɔn mfikyisase.
6 “Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no nie: nkuro nsia a ɛbɛyɛ dwankɔbea+ a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akorɔ,+ ne nkuro foforɔ aduanan mmienu. 7 Enti nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no nyinaa bɛyɛ aduanan nwɔtwe, emu biara ne n’afikyisase.+ 8 Israelfoɔ no nsam na monnye nkuro no.+ Wɔn a wɔnyaa pii no, monnye pii, na wɔn a wɔnyaa kakraa bi no, monnye kakraa bi.+ Obiara nhwɛ deɛ ɔnyae ho nyi ne nkuro no bi mma Lewifoɔ no.”
9 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Moretwa Yordan akɔ Kanaan asase so.+ 11 Monyi nkuro a ɛyɛ ma mo mfa nyɛ dwankɔbea na sɛ obi nsa pa kum ɔkra bi+ a, wadwane akɔ hɔ. 12 Sɛ obi kum obi a, ɔnnwane nkɔ hɔ na deɛ wawuo no busuani*+ anku onipakumfoɔ no kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim ama wɔabu no atɛn.+ 13 Enti nkuro nsia a mobɛyie no bɛyɛ mo dwankɔbea. 14 Monyi nkuro mmiɛnsa wɔ Yordan fã ha,+ na monyi mmiɛnsa wɔ Kanaan asase so+ mma no nyɛ dwankɔbea nkuro. 15 Sɛ ɛba sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ+ anaa otubrafoɔ a ɔte wɔn mu nsa pa na ɔkum ɔkra bi+ a, nkuro nsia yi bɛyɛ dwankɔbea a ɔbɛtumi adwane akorɔ.
16 “‘Nanso sɛ ɔde dadeɛ bɔɔ no na ɔwuiɛ a, ɔyɛ wudini,+ enti monku no.+ 17 Na sɛ ɛboɔ a ɛbɛtumi akum nipa na ɔto bɔɔ no maa no wuiɛ a, ɔyɛ wudini, enti monku no. 18 Na sɛ dua a ɛbɛtumi akum nipa na ɔde bɔɔ no maa no wuiɛ a, ɔyɛ wudini, enti monku no.
19 “‘Deɛ wawuo no busuani+ na ɔbɛkum wudini no; ɔhyia no a, ɔnku no. 20 Sɛ ne ho adwemmɔne nti na ɔpiaa no,+ anaa ɔhyɛɛ da kɔtɛɛ baabi+ na ɔtoo adeɛ bɔɔ no maa no wuiɛ, 21 anaa ɔtan nti na ɔbɔɔ no maa no wuiɛ a, wɔnku no, ɛfiri sɛ ɔyɛ wudini. Sɛ deɛ wawuo no busuani hyia wudini no a, ɔnku no.+
22 “‘Nanso ɛbɛtumi aba sɛ ɔpiaa no berɛ a n’ani nna ne ho soɔ na ɛnyɛ ɔtan ntira, na wankɔtɛ baabi na ɔtoo biribi bɔɔ no.+ 23 Ebia wanhu no na ɔtoo boɔ a ɛtumi kum nnipa bɔɔ no anaa ɔgyaa mu hwee ne so maa no wuiɛ, berɛ a ɔnni ne ho tan anaa adwemmɔne biara dada. 24 Sɛ ɛba saa a, asafo no nhwɛ mmu deɛ wakum nipa no ne owufoɔ no busuani no ntam atɛn sɛdeɛ ahyɛdeɛ yi teɛ.+ 25 Na asafo no+ nnye deɛ wakum nipa no mfiri obusuani no nsam, na wɔmfa no nkɔ kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔntena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔde ngo kronkron asra no+ no bɛwuo.
26 “‘Nanso sɛ deɛ wakum nipa no pɛ ne ho asɛm tra kuro a wadwane kɔ mu no hyeɛ 27 na deɛ wawuo no busuani+ hyia no kuro no hyeɛ akyi na ɔku no a, ɔnni mogya ho fɔ. 28 Ɛsɛ sɛ anka ɔyɛ komm tena dwankɔbea kuro no mu kɔsi sɛ ɔsɔfo panin no bɛwuo+ ansa na wakɔ n’asase so. 29 Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ ama mo ne mo nkyirimma nyinaa, baabi a moteɛ biara.
30 “‘Sɛ obi bɔ ɔkra bi ma no wu a, adansefoɔ anom asɛm so+ na wɔnnyina nku no sɛ wudini.+ Ɛnsɛ sɛ wɔgyina onipa baako adanseɛ so kum ɔkra bi. 31 Owudini a ɛsɛ sɛ ɔwuo+ deɛ, mommfa biribiara nnnye ne kra. Twa ara na ɛtwa sɛ moku no.+ 32 Na sɛ obi dwane kɔ dwankɔbea kuro no mu a, monnnye agyedeɛ biara sɛ ɔnsan nkɔ n’asase so ansa na ɔsɔfo panin no awu.
33 “‘Monhwɛ na moamfa fĩ anka asase a mote soɔ no, ɛfiri sɛ mogya na ɛma asase ho gu fĩ.+ Sɛ obi ka mogya gu wɔ asase no so a, morentumi mfa biribiara mpata gye deɛ ɔdii awuo no mogya.+ 34 Mommma abusudeɛ biara mmma asase a me ne mo te soɔ no so, ɛfiri sɛ me Yehowa, mete Israelfoɔ mu.’”+