10 Momma wɔnhunu deɛ ɛsii da a mobɛgyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb+ no. Saa da no Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfoɔ no ano m’anim na wɔntie me nsɛm+ na wɔnsua sɛ wɔbɛsuro+ me, nna dodoɔ a wɔbɛdi no asase no soɔ nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+