Leviticus 11:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Bio nso monnwe prako,+ ɛfiri sɛ ne nan mu apae asi deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. Yesaia 65:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 nkurɔfoɔ a wɔtete asieeɛ+ na wɔkɔtɛ awɛneeɛ ma adeɛ kye; wɔwe prakonam,+ na afĩdeɛ nkwan pɔtɔɔ+ wɔ wɔn nkukuo mu; Yesaia 66:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo+ mu, na wɔkɔgyina deɛ ɛwɔ mfimfini akyi, na wɔwe prakonam+ ne akyiwadeɛ ne akura+ mpo no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba,” Yehowa na aka.
4 nkurɔfoɔ a wɔtete asieeɛ+ na wɔkɔtɛ awɛneeɛ ma adeɛ kye; wɔwe prakonam,+ na afĩdeɛ nkwan pɔtɔɔ+ wɔ wɔn nkukuo mu;
17 Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo+ mu, na wɔkɔgyina deɛ ɛwɔ mfimfini akyi, na wɔwe prakonam+ ne akyiwadeɛ ne akura+ mpo no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba,” Yehowa na aka.