14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mobɛwuo deɛ, anka yɛde yɛn kra bɛtwa so!+ Na sɛ moammɔ asɛm yi so na Yehowa de asase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛyɛ mo adɔeɛ na yɛadi mo nokorɛ.”+
17 Kuro no yɛ abusudeɛ a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno ne biribiara a ɛwɔ mu yɛ Yehowa dea. Odwamanfoɔ Rahab+ ne obiara a ɔka ne ho wɔ ne fie nko ara na wɔbɛka, ɛfiri sɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no sieeɛ.+
22 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ mmarima mmienu a wɔkɔhwɛɛ asase no sɛ: “Monkɔ ɔbaa dwamanfoɔ no fie nkɔfa ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mmra, sɛdeɛ mokaa no ntam no.”+