2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho+ aka akyerɛ me sɛ ‘Me ara me nsa na ɛgyee me.’+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+