13 Afei Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Woda so ara redi me ho fɛ, na wompɛ sɛ woka nokorɛ kyerɛ me.+ Kyerɛ me adeɛ a wɔbɛtumi de akyekyere woɔ.”+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa ahoma+ nwene me tiri so mmɛsa nson no bom.”
15 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wosɔre a wose, ‘Medɔ wo,’+ nanso w’akoma nni me ho. Mprɛnsa nie a woadi me ho fɛ, na wonkyerɛɛ me baabi a w’ahoɔden yi nyinaa fire.”+