25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: “Moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel mpoatwa+ nti na ɔreforo aba. Obiara a ɔbɛtumi aku no no, ɔhene bɛma no ahonyadeɛ pii na ɔde ne babaa nso ama no,+ na ɔbɛma ne papa fie ade ne ho wɔ Israel.”+
27 Dawid sɔreeɛ, na ɔne ne mmarima no siim kɔkunkum+ Filistifoɔ mmarima ahanu, na Dawid de wɔn dua ano wedeɛ+ baeɛ, na wɔkan maa no soeɛ, na ɔde maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babaa Mikal maa no awareɛ.+